Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 9:4 - Apam Foforɔ

4 Adekyeɛ ya hɔ yi ɔsɛ sɛ yɛyɔ nea ɔsomaa yɛ he nnwuma; anadwo ɔɔba a biaa ntumi nnyɔ adwuma.

Gade chapit la Kopi




Yohane 9:4
18 Referans Kwoze  

Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Hann he bɛtena ho nkyɛne kakra. Howɔ hann he, honante na sum anni ho so. Na deɛ ɔnante sum mu he nnim baabi a meekɔ.


honhwɛ ho mmerɛ so yie, efiri sɛ saa mmerɛ yi yɛ nna bɔne.


Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “M’aduane ne sɛ mɛyɔ nea ɔsomaa me he apɛdeɛ, na mawie n’adwuma.


Ne saa nti, akwannya biaa a yebenya he, homma yɛnyɔ nnipa nyinaa papa, ne titire bɛ a bɛka agyidifoɔ abusua ho he.


Mawie adwuma a wode ama me sɛ menyɔ he de ahyɛ wo animuonyam asaase so.


Na akwannya biaa hobenya he hommɔ ho bra nyansa mu mma wiasefoɔ nhu.


Nso mewɔ adanseɛ a ɔkyɛne Yohane deɛ he, efiri sɛ nnwuma a m’Agya de ahyɛ me nsa sɛ menyɔ he, nnwuma a meeyɔ heaa di me ho adanseɛ sɛ Agya heaa ne asoma me.


Yesu buaa bɛ sɛ, “Maada nnwumapa pii adi akyerɛ ho a efiri Agya he nkyɛne. Nnwuma yi mu nea ɔya he nti ne hoobesi me aboɔ yi?”


Sɛ ɔnyɛ m’Agya adwuma ne meeyɔ a, hedeɛ honnye me nni.


Na yɛ mmom deɛ, nea yɛate na yɛahu he, yentumi nnyae ho asɛm ka da.”


Yesu buaa bɛ sɛ, “Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ, Ba he ankasa ntumi mmɔ ne ti mu nyɔ hwee, gye sɛ nea ohu sɛ Agya he yɔ, efiri sɛ bibiaa Agya he yɔ he, ɔno ne Ba he nso yɔ.


Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Meya ho nkyɛne berɛ tiaa bi, na meebɛkɔ nea ɔsomaa me he nkyɛne.


Bɛka kyerɛɛ no sɛ, ‘Nipa biaa mmɔ yɛ paa nti a.’ Ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, ‘Ho nso honkɔ bobe turo mu hɔ.’


Na ɔka kyerɛɛ nea ne nsa adwodwo he sɛ, “Bra ha!”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite