Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 9:39 - Apam Foforɔ

39 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Atemmuo nti ne mebaa wiase, na bɛ a benhu adeɛ he ahu adeɛ, na bɛ a behu adeɛ he bɛadane anifirafoɔ.”

Gade chapit la Kopi




Yohane 9:39
34 Referans Kwoze  

Na yei ne atemmuo he, sɛ hann he aba wiase na nnipa dɔ sum kyɛne hann he, efiri sɛ bɛ nnwuma yɛ bɔne.


Maaba wiase sɛ hann, na biaa a ɔgye me di he antena sum mu.


na woabie bɛ ani, adane bɛ afiri sum mu aba hann mu, na bɛafiri Satan tumi mu aba Nyankopɔn nkyɛne, na bɛanya bɔne fakyɛ ne agyapadeɛ bɛ a bɛnam me mu gyidie so ate bɛ ho mu.’


Na Yesu ka kyerɛɛ bɛ bio sɛ, “Mene wiase hann. Nea odi m’akyi he nnante sum mu da, na obenya nkwa hann he.”


Nso biaa a ɔtane ne nua he te sum mu. Na ɔnam sum mu a onnim baabi a ɔɔkɔ, efiri sɛ, sum he afira n’ani.


“Awurade Honhom ya me so, efiri sɛ wasra me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafoɔ, wasoma me sɛ memmɛka gyeɛ ho asɛm nkyerɛ bɛ a bɛafa bɛ nommum na memma anifirafoɔ nhu adeɛ, sɛ memma bɛ a binom hyɛ bɛ so nya fahodie,


ama bɛ a bɛtete sum ne wuo sunsum ase he anya hann, na wagye yɛ taataa akɔ asomdwie kwane so.”


Na ho deɛ, hoyɛ abusua a bɛayi ho, sɛ adehyeɛ asɔfokuo, mane kronkron, Nyankopɔn ankasa nkurofoɔ a bɛayi ho sɛ honka n’anwanwadwuma he ho asɛm. Ɔno na ɔfrɛɛ ho firi sum mu baa ɔno ankasa hann nwanwasono he mu.


Nti ne Twerɛ he ka sɛ, “Wo a wada, nyane! Sɔre firi awufoɔ mu, na Kristo bɛhyerɛn ama wo.”


Yɛyɛ wuo hwa ma bɛ a bɛɛyera, na yɛyɛ nkwa hwa ma bɛ a bɛɛkɔ nkwa mu. Hwane ne fata yeinom?


Na ɔkaa sɛ, “Sɛ ɔyɛ debɔnyɛni a, mennim; adeɛ baako pɛ ne menim, na nka meyɛ nifirani, na afei deɛ maahu adeɛ.”


Ho deɛ hobu atɛne honam mu, na me deɛ memmu biaa atɛne.


Na Nyankopɔn ansoma ne Ba he amma wiase sɛ ommebu wiase atɛne, na mmom sɛ bɛmfa no so nnye wiase nkwa.


Nɔkwasɛm ne sɛ, binom aka akyi nso bebedi kane, saa nso ne binom adi kane nso bɛbɛka akyi.”


Dɔno heaa mu, Yesu saa nnipa bebree a bɛnte apɔ, ne bɛ a bɛ yadeɛ mu ɔdene ne bɛ a bɛwɔ ahonhommɔne nyinaa yadeɛ, na ɔmaa anifirafoɔ bebree huu adeɛ.


Afei Simeon hyiraa bɛ, na ɔka kyerɛɛ ne maame Maria sɛ, “Hwɛ! Yei ne bɛayi no ama Israelfoɔ bebree sɛ ɔnam ne so nti bɛbɛhwe ase na bebree nso bɛsɔre. Na ɔno nso ne bɛyɛ nsɛnkyerɛnne a bɛbɛkasa atia,


anifirafoɔ hu adeɛ, mmubuafoɔ nante, akwatafoɔ ho firi, asotifoɔ te asɛm, awufoɔ nyane firi wuom, na bɛka asɛmpa he kyerɛ ahiafoɔ.


nso sɛ w’ani nyɛ a nipadua he nyinaa bɛyɛ sum. Nti sɛ hann a ɔya ho mu he yɛ sum a, he deɛ sum he bɛyɛ kɛse paa!


ɔne nnaadaa nsɛm ahodoɔ bebree a ɔya hɔ ma bɛ a bɛayera, efiri sɛ bɛammu nɔkorɛ dɔ he sɛ adeɛ a ɔsom bo na bɛanya nkwa.


Honnyae bɛ; bɛyɛ anifirafoɔ a bɛkyerɛ anifirafoɔ kwane. Sɛ nifirani kyerɛ nifirani kwane a, bɛ mmienu he nyinaa bɛtɔ amena mu.”


Afei ne beebebu wiase atɛne; afei ne beebetu wiase sodifoɔ afiri hɔ.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite