Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 9:10 - Apam Foforɔ

10 Na bebisaa no sɛ: Ɔyɛɛ dɛ ne w’ani abie yi?

Gade chapit la Kopi




Yohane 9:10
11 Referans Kwoze  

Nso bi bebisa sɛ, Sɛ ne bebesi anyane awufoɔ? Mmɛ nipadua ne bɛde bɛba?


Na bebisaa no sɛ: Mmɛ ne ɔyɔ maa wo? Obiee w’ani he sɛ?


na sɛnea ɔyɔeɛ a ohuu adeɛ yi deɛ yennim. Afei nso nipa korɔ a obiee n’ani he, yɛdeɛ, yennim no; waanyini, hommisa no, na ɔno ankasa betumi ayi ano.”


Na Farisifoɔ he nso bisaa no bio sɛnea ɔyɔeɛ a ohuu adeɛ. Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Nnɛteɛ ne ɔde sraa m’ani so a, mekɔ hohoroo so a, mehuu adeɛ yi.”


Nikodemo buaa sɛ, “Ɔbɛyɛ dɛ na yeinom atumi aba mu?”


na ɔkɔda anadwo sɔre anɔpa, na aba he fifiri na onyini a onnim kwane a ɔfa so yɔ saa.


Yeinom akyi he, Yesu kɔɔ Galilea po, nea bɛsane frɛ no Tiberia po, he agya.


Afei binom kaa sɛ, “Ɔyɛ ɔno a.” Na binom nso kaa sɛ, “Ɔsɛ no.” Na ɔnoaa deɛ, ɔkaa sɛ, “Ɔyɛ me a.”


Obuaa sɛ, “Nipa bi a bɛfrɛ no Yesu ne potɔɔ nnɛteɛ de sraa m’ani so, na ɔka kyerɛ me sɛ, ‘Kɔ tadeɛ Siloa mu kɔ hohoro so.’ Na mekɔ hohoroo so he, mehuu adeɛ.”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite