Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 8:6 - Apam Foforɔ

6 Bɛkaa yei de sɔɔ no hwɛeɛ, sɛ ɔbɛyɛ na bebenya soboɔ bi abɔ no. Na Yesu bɔɔ ne mu ase de ne nsateaa twerɛtwerɛɛ fam.

Gade chapit la Kopi




Yohane 8:6
27 Referans Kwoze  

Afei, hwɛ, beema bi a onim Mmara he sɔree sɛ ɔɔsɔ no ahwɛ, na ɔkaa sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, abɛ paa ne sɛ meyɔ a, menya daa nkwa?”


Na Farisifoɔ baa ne nkyɛne bɛsɔɔ no hwɛeɛ, sɛ, “Mmara ma ho kwane sɛ asɛm bi nti beema bi gyae ne yerɛ anaa?”


Hommma yɛnsɔ Kristo nhwɛ, sɛdeɛ bemu bi yɔeɛ he, na awɔ kukuu bɛ he.


Farisifoɔ bi baeɛ, na bebisa de sɔɔ ne hwɛeɛ sɛ, “Mmara ma kwane sɛ beema bi gyae ne yerɛ?”


Afei Farisifoɔ he baa ne nkyɛne ne no bɛgyee akyinnye, bisaa no nsɛnkyerɛnne a ofiri soro, de sɔɔ no hwɛeɛ.


Nso Yesu yɔɔ komm. Afei sɔfo panyini he ka kyerɛɛ no sɛ, “Meka Nyankopɔn teasefoɔ he ntam gu wo so sɛ, sɛ wo ne Kristo, Nyankopɔn Ba he a, ka kyerɛ yɛ!”


Na bɛ mu baako a ɔyɛ mmaranimfoɔ paa de asemmisa sɔɔ no hwɛɛ sɛ


Nso ɔnam sɛ na Yesu nim bɛ adwemmɔne nti, ɔkaa sɛ, “Ho nyaatwomfoɔ, mmɛ nti ne hoosɔ me ahwɛ?


Na Farisifoɔ ne Sadukifoɔ baa Yesu nkyɛne sɛ bɛbɛsɔ no ahwɛ. Nti bɛka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɔ nsɛnkyerɛnne bi a ofiri soro nkyerɛ bɛ.


Nso wammua no koraa. Na n’asuafoɔ he baa ne nkyɛne bɛsrɛɛ no sɛ, “Pam no ma no nkɔ, na ɔɔteateam gu yɛ so dodo.”


“Hwɛ, meesoma ho sɛ nnwane akɔ mpataku mfimfini; nti honya nyansa sɛ wɔ, na honyɛ nnipa a ho ho nni asɛm te sɛ mmuburo.


Na anɔpa tutuutu he ɔsane baa asɔredane he mu. Na mane mũ he nyinaa baa ne nkyɛne na ɔtenaa ase kyerɛkyerɛ bɛ.


Nso, binom a na bɛpɛ sɛ bɛsɔ no hwɛ firii aseɛ hwehwɛɛ nsɛnkyerɛnne a ofiri soro firii ne hɔ.


Yentua anaa yenntua?” Na onim bɛ nyaatwom nti ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Mmɛ nti ne hoosɔ me ahwɛ? Hommra me denare baako na menhwɛ.”


Na bɛhwɛɛ sɛ ɔbɛsa no yadeɛ homeda he anaa, na bɛde abu no fɔ.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite