48 Yudafoɔ he buaa no sɛ, “Sɛ yɛka sɛ woyɛ Samariani na wowɔ honhommɔne a, ɔnyɛ nɔkorɛ?”
Nnipa he buaa sɛ, “Wowɔ honhommɔne; hwane ne ɔɔhwehwɛ wo aku wo?”
Yudafoɔ he ka kyerɛɛ no sɛ, “Afei deɛ yɛahu sɛ wowɔ honhommɔne. Abraham wuiɛ, na adiyifoɔ he nso wuiɛ. Nso wo dɛ, ‘Biaa a obedi me nsɛm so he, onwu da.’
Na bɛ mu pii kaa sɛ, “Ɔwɔ honhommɔne na waabɔ dam. Mmɛ nti ne hotie no?”
Samariani baa he ka kyerɛɛ no sɛ, “Mmɛ nti ne wo a woyɛ Yudani woobisa me Samariani baa nsuo?” (Na Yudafoɔ ne Samariafoɔ nni twaka biaa.)
Ho nyaatwomfoɔ! Odi sɛ Yesaia hyɛɛ ho ho nkɔm sɛ:
Nso Farisifoɔ he teeɛ he, bɛkaa sɛ, “Yei deɛ ɔnyɛ hwee sɛ Beelsebul tumi ne beema yi de tutu ahonhommɔne.”
ɔdɔɔso ma suani sɛ ɔbɛyɛ sɛ ne kyerɛkyerɛni, anaa akoa sɛ ne wura. Sɛ bɛfrɛɛ fie he wura he Beelsebul a, mprɛ ahe ne bɛmfrɛ fie he mufoɔ saa bi!
Saa nnipa dummienu yi ne Yesu somaa bɛ hyɛɛ bɛ sɛ, “Hommmane nkɔ Amanamane mufoɔ hɔ, na honnwura Samariafoɔ kuro biaa mu,
Wogyidi sɛ Nyankopɔn yɛ baako; woyɛ no yie. Mpo ahonhommɔne nso gye saa di, na bɛ ho popo.
efiri sɛ Kristo ammɛsɔ ɔnoaa ankasa ani; na mmom, sɛnea bɛatwerɛ sɛ, “Atɛm a bedii wo he abegu me so.”
Hofrɛ me Kyerɛkyerɛfoɔ ne Awurade, na ɔyɛ ne kwane so sɛ hoka saa, efiri sɛ meyɛ saa.
Saa deɛ a, homma yɛnkɔ ne nkyɛne kuro he akyi na yɛasoa n’ahohorabɔ a ohuu mu amaneɛ he;
Nti meka akyerɛ ho, bɛde bɔne ne abususɛm biaa a nipa bɛyɔ bɛkyɛ, nso abususɛm a bɛyɔ tia Honhom he deɛ bɛmmfa nkyɛ.
Na Yohane baeɛ, na onnidi, na ɔnnom nso, na bɛkaa sɛ, ‘Ɔwɔ honhommɔne’;
Na yei ne adanseɛ a Yohane diiɛ berɛ a Yudafoɔ he somaa asɔfoɔ ne Lewifoɔ firi Yerusalem baa ne nkyɛne bebisaa no sɛ, “Wone hwane?”
Nti Yudafoɔ he kaa sɛ, “Oobeku ne ho anaa? Nti na ɔdɛ, ‘Baabi a meekɔ he, honntumi mma hɔ yi’?”