Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 8:47 - Apam Foforɔ

47 Nea ɔyɛ Nyankopɔn deɛ biaa tie Nyankopɔn asɛm. Nea nti a hontie ne sɛ, ho nyɛ Nyankopɔn deɛ.”

Gade chapit la Kopi




Yohane 8:47
17 Referans Kwoze  

Nipa biaa a ɔfom na ɔntena Kristo nkyerɛkyerɛ he mu he, onnim Nyankopɔn. Na nea ɔtena nkyerɛkyerɛ he mu he, ɔno mmom ne nea onim Agya he ne ne Ba he.


Pilato bisaa no sɛ, “Nti woyɛ hene?” Yesu buaa sɛ, “Wone wooka sɛ meyɛ hene. Me deɛ yei nti ne bɛwoo me, na mebaa wiase sɛ meebedi nɔkorɛ he ho adanseɛ. Biaa a ofiri nɔkorɛ he tie me nne.”


Nsosonoeɛ a ɔda Nyankopɔn mma ne Bronsam mma ntam ne sɛ, biaa a ɔnyɔ deɛ ɔtene anaa ɔnnɔ ne nua he mfiri Nyankopɔn.


Na esiane sɛ mekaa nɔkorɛ kyerɛ ho nti, honnye me nni.


Menim sɛ hoyɛ Abraham asefoɔ, nso hopɛ sɛ hoku me, efiri sɛ m’asɛm nsene ho mu.


Mmɛ nti ne ho nte nea meka he ase yi? Efiri sɛ hontumi ntie m’asɛm.


Na ɔkaa sɛ, “Yei nti ne meka kyerɛ ho sɛ biaa ntumi mma me nkyɛne gye sɛ Agya he ama no kwane.”


Me dɔfo, nhwɛ bɔne nsua, na mmom hwɛ papa sua. Biaa a ɔyɛ papa he yɛ Nyankopɔn deɛ. Na biaa a ɔyɛ bɔne he nso nhuu Nyankopɔn.


Nea ɔgye di sɛ Yesu ne Kristo he, Nyankopɔn ne awo no. Biaa nni hɔ a ɔdɔ bi na ɔnnɔ saa nipa he ba nso.


“Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ, berɛ he ɔɔba, na anya aduru, sɛ awufoɔ bɛte Nyankopɔn Ba he nne, na bɛ a bebetie no he benya nkwa.


Nea ɔpo me na ɔnnye me nsɛm he wɔ temmufoɔ baako. Nsɛm a maka heaa ne bebu no atɛne da a odi akyire he mu,


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite