Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 8:46 - Apam Foforɔ

46 Ho mu hwane ne bu me bɔne bi ho atɛne? Sɛ meka nɔkorɛ a, mmɛ nti ne honnye me nni?

Gade chapit la Kopi




Yohane 8:46
12 Referans Kwoze  

efiri sɛ, sɔfopanyini a yɛwɔ he ɔnyɛ nea onni tema mma yɛ ya yɛ mmerɛyɛ mu, na ɔyɛ nea bɛasɔ no ahwɛ akwane nyinaa mu sɛ yɛ, na ne nyinaa mu he wannyɔ bɔne da.


Me ne ho nkasa pii bio, na wiase sodifoɔ he ɔɔba, na onni tumi biaa me so


Na bɛkɔɔ soaa bisaa no he, ɔmaa ne mu so ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ho mu nea ɔnyɔɔ bɔne da he nni kane nto boɔ mmɔ no.”


Bɛgyee bɛ ho bɛ ho akyinnye sɛ, “Sɛ yɛka sɛ, ‘Ofiri soro a,’ ɔbɛka sɛ, ‘Mmɛ nti ne hoannye no anni?’


Na Yohane asubɔ he firi soro, anaa ofiri nnipa?” Na besusuu ho sɛ, “Sɛ yɛka sɛ, ‘Ofiri soro’ a, obebisa yɛ sɛ, ‘Mmɛ nti ne hoannye no anni?’


Ɔno na wanyɛ bɔne, na bɛanhu nnaadaa biaa nso n’anum.


Nti na ohia sɛ yenya sɔfo panyini a ɔte saa, ne ho te, ne ho nni asɛm, nkekaeɛ nni ne ho, bɛate ne ho afiri nnebɔnyɛfoɔ ho, na bɛama no so mmorosoɔ.


Na yɛ nti nea onnim bɔne he, Nyankopɔn de yɛ bɔne ho afobuo to ne so, sɛnea ɔbɛyɛ a yɛnam ne so bɛyɛ tenenee ama Nyankopɔn.


Pilato bisaa no sɛ, “Nti woyɛ hene?” Yesu buaa sɛ, “Wone wooka sɛ meyɛ hene. Me deɛ yei nti ne bɛwoo me, na mebaa wiase sɛ meebedi nɔkorɛ he ho adanseɛ. Biaa a ofiri nɔkorɛ he tie me nne.”


Na sɛ ɔba a, obeyi wiase atɛne afa bɔne ne tenenee ne atemmuo ho:


Sɛ hodi m’ahyɛdeɛ so a, hobɛtena me dɔ mu, sɛnea madi m’Agya ahyɛdeɛ so na mete ne dɔ mu he.


Nea ɔyɛ Nyankopɔn deɛ biaa tie Nyankopɔn asɛm. Nea nti a hontie ne sɛ, ho nyɛ Nyankopɔn deɛ.”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite