Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 8:42 - Apam Foforɔ

42 Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Sɛ Nyankopɔn yɛ ho Agya a nka hobɛdɔ me, efiri sɛ mefiri Nyankopɔn hɔ ne baeɛ. Ɔnyɛ mene mede mepɛ baeɛ na mmom ɔno ne somaa me.

Gade chapit la Kopi




Yohane 8:42
22 Referans Kwoze  

efiri sɛ me deɛ ɔnyɛ mene mehyɛɛ me ho kasaeɛ, na Agya he a ɔsomaa me he ne hyɛɛ me nea menka ne sɛnea menkasa.


Wonnye nni sɛ meya Agya he mu, na Agya he nso ya me mu anaa? Nsɛm a meka kyerɛ ho he, omfiri meaa me tim ne meka, na Agya a ɔte me mu he ne yɔ ne nnwuma.


efiri sɛ nsɛm a wode maa me he mede ama bɛ; na bɛ nso bɛagye; na bɛahu ampa sɛ, mefiri wo nkyɛne ne baeɛ, na bɛagye adi sɛ wone wosomaa me.


“Oo! Agya Teneneeni, wiase nnim wo, nso menim wo, na yeinom nim sɛ woasoma me.


Na Asɛm he bɛyɛɛ honam bɛtenaa yɛ mu, na yɛahu n’animuonyam sɛ Agya he Ba a ɔwoo no koro maa yɛ, adom ne nɔkorɛ ahyɛ no ma.


Yɛahu, na yedi adanseɛ sɛ Agya he somaa ne Ba ma ɔbɛyɛɛ wiase Agyenkwa.


Maaba m’Agya dini mu, nso honnye me, sɛ foforɔ ba ɔno anakasa ne dini mu a, ɔno ne hobɛgye no.


Sɛ bi mpɛ Awurade Yesu asɛm a, onnue! Yɛ Awurade bra!


Na Nyankopɔn ansoma ne Ba he amma wiase sɛ ommebu wiase atɛne, na mmom sɛ bɛmfa no so nnye wiase nkwa.


na ama biaa adi Ba he ni sɛnea bedi Agya he ni heaa. Nea onni Ba he ni he, onni Agya a ɔsomaa no he nso ni.


Afei bɔfoɔ he kyerɛɛ me nkwa asubɔntene a ani te krɔgyee sɛ ahwehwɛ a ofiri Nyankopɔn ne Dwammaa he ahennwa so


Nso berɛ a bɛahyɛ ato hɔ he soeɛ he, Nyankopɔn somaa ne Ba a baa woo no, na bɛwoo no mmara he ase,


Yesu buaa sɛ, “Mpo sɛ medi meaa me ho adanseɛ a, m’adanseɛ he yɛ nɔkorɛ, efiri sɛ, menim baabi a mefiri baeɛ ne baabi a meekɔ. Na ho deɛ honnim baabi a mefiri ne baabi a meekɔ.


Na esiane sɛ na Yesu nim sɛ Agya he de nnoɔma nyinaa ahyɛ ne nsa, na ofiri Nyankopɔn nkyɛne, na ɔɔkɔ Nyankopɔn hɔ nti,


Afei deɛ yɛahu sɛ wonim bibiaa, na onhia sɛ biaa bebisa wo hwee. Yei nti yɛagye adi sɛ wofiri Nyankopɔn hɔ ne baeɛ.”


Na yenim sɛ Nyankopɔn Ba he aba, na waama yɛ nteaseɛ ama yɛahu Nyankopɔn trodoo he. Yɛ abrabɔ ya Nyankopɔn trodoo he ne ne Ba Yesu Kristo he mu. Yei ne Nyankopɔn trodoo he ne nkwa a onni awieeɛ he.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite