Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 8:32 - Apam Foforɔ

32 na hobehu nɔkorɛ he, na nɔkorɛ he ama ho ayɛ adehyeɛ.”

Gade chapit la Kopi




Yohane 8:32
42 Referans Kwoze  

efiri sɛ Honhom mu nkwa mmara he ama ho faahodie Kristo Yesu mu afiri bɔne ne wuo mmara he mu.


Nti sɛ Ba he ma ho fahodie a hobɛyɛ adehyeɛ ampa.


Fa nɔkorɛ he te bɛ ho, w’asɛm yɛ nɔkorɛ,


Hontena ase sɛ nnipa a bɛde bɛ ho, na bɛmfa bɛ ahofadie he nyɔ bɔne biaa nso. Na hontena ase sɛ Nyankopɔn nkoa.


Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Mene kwane he, nɔkorɛ he ne nkwa he, bi nkɔ Agya he nkyɛne gye sɛ ɔfa me so.


Nso afei a hoade ho ho afiri bɔne ho yi, ho abɛyɛ Nyankopɔn nkoa, mfasoɔ a honya ne ahoteɛ. N’awieeɛ ne daa nkwa.


Nso deɛ ɔhwɛ mmara a ɔyɛ pɛ mu he, mmara a ɔma ahofadie he tena ne mu, ɔnyɛ tiefoɔ werɛfirefoɔ na mmom ɔyɛ deɛ otie na ɔyɔ, bebehyira no deɛ ɔyɔ nyinaa mu.


Adehyedie nti ne Kristo ama yɛade yɛ ho. Nti, honnyina pintinn, hommfa ho ho nhyɛ nkoasom konnua ase bio.


Sɛ ɔte saa deɛ a, homma ho kasaa ne ho dwumadie nyɛ nea ɔfata nnipa a bɛde adehyedie mmara he bebu ho atɛne;


Na adehyedie mu ne bɛafrɛ ho aba, me nuanom; homma ahofadie he nyɛ akwannya mma honnyɔ bɔne, na mmom ho mfa dɔ so nyɛ nkoa ma ho ho,


Sɛ bi pɛ sɛ ɔyɛ n’apɛdeɛ a, obehu sɛ nkyerɛkyerɛ he firi Nyankopɔn hɔ anaa m’ankasa ne mebɔ me tim kasa.


Na sɛ hoannya akoayɛ honhom a ɔbɛma ho asane akɔ hu mu bio, na mmom hoanya abayɛ honhom. Nti yetumi team sɛ, “Abba! Agya!”


Na sɛ Nɔkorɛ Honhom he ba a, ɔbɛkyerɛ ho kwane akɔ nɔkorɛ he nyinaa mu, efiri sɛ omfiri ɔno ankasa ne mu ne bɛkasa, na mmom bibiaa ɔbɛte he ɔno ne ɔbɛka. Na ɔbɛkyerɛ ho nnoɔma a ɔɔba.


bɛ a betie nkyerɛkyerɛ daa nso benhu nɔkorɛ he da.


Bɛatwerɛ ya adiyifoɔ he mu sɛ, ‘Nyankopɔn bɛkyerɛkyerɛ bɛ nyinaa.’ Biaa a wate bibi afiri Agya he nkyɛne na wasua he ne ba me nkyɛne.


Homfa me konnua nto ho ho so, na honsua me, efiri sɛ medwo na mebrɛ me ho ase akoma mu, na hobenya homee ama ho kra.


Na Asɛm he bɛyɛɛ honam bɛtenaa yɛ mu, na yɛahu n’animuonyam sɛ Agya he Ba a ɔwoo no koro maa yɛ, adom ne nɔkorɛ ahyɛ no ma.


Mmara he deɛ, bɛnam Mose so ne de maeɛ, na adom ne nɔkorɛ he deɛ nam Yesu Kristo so ne baeɛ.


Nipa a bɛfrɛɛ no Awurade mu he na ɔyɛ akoa he, waade ne ho a ɔyɛ Awurade dea, saa ara nso ne nea bɛfrɛ no he na ɔde ne ho he nso abɛyɛ akoa ama Kristo.


Me, Asafo Panyini, twerɛ krataa yi de kɔma Awuraa a bɛayi no ne ne mma a medɔ bɛ nɔkorɛ he mu. Ɔnyɛ me nkoaa, na mmom bɛ a benim nɔkorɛ he nyinaa nso dɔ ho,


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite