Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 8:19 - Apam Foforɔ

19 Na bebisaa no sɛ, “W’Agya ya he?” Yesu buaa sɛ, “Honnim me, na honnim m’Agya nso; sɛ honim me a, nka honim m’Agya nso.”

Gade chapit la Kopi




Yohane 8:19
24 Referans Kwoze  

Na bɛbɛyɔ yei, efiri sɛ, bennim Agya he anaa me.


Homma ho ani nna hɔ, na honnyɔ bɔne; na binom nnim Nyankopɔn. Meka yei de hyɛ ho aniwuo.


Nti berɛ a Yesu ɔɔkyerɛkyerɛ asɔredane mu hɔ he, ɔteaam sɛ, “Honim me, na honim baabi a mefiri nso. Na ɔnyɛ m’ankasa mepɛ so na me baeɛ, na nea ɔsomaa me he yɛ nɔkwafoɔ a honnim no.


Na ɔya wiase deɛ, na ɔnam ne so ne bɛbɔɔ wiase, nso wiase anhu no.


Saa berɛ he, Yesu kaa sɛ, “Agya, soro ne asaase Wura, meda wo ase, efiri sɛ, wode nnoɔma yi ahinta anyansafoɔ ne mmadwemma, na woayi no adi akyerɛ mpapahwekwaa.


Nipa biaa a ɔfom na ɔntena Kristo nkyerɛkyerɛ he mu he, onnim Nyankopɔn. Na nea ɔtena nkyerɛkyerɛ he mu he, ɔno mmom ne nea onim Agya he ne ne Ba he.


Na yenim sɛ Nyankopɔn Ba he aba, na waama yɛ nteaseɛ ama yɛahu Nyankopɔn trodoo he. Yɛ abrabɔ ya Nyankopɔn trodoo he ne ne Ba Yesu Kristo he mu. Yei ne Nyankopɔn trodoo he ne nkwa a onni awieeɛ he.


Na afei a hoahu Nyankopɔn yi anaa Nyankopɔn ahu ho yi, ɔbɛyɛ dɛ ne hoasane akɔ mfitiasedeɛ a benni tumi biaa, na benni hwee nso de ma he nkyɛne bio?


Na yei ne daa nkwa sɛ bebehu wo, wo a aoyɛ Nyankopɔn kann koro he, ne Yesu Kristo nea wasoma no he.


na hoabɔ bra a ɔfata Awurade, a ɔsɔ n’ani koraa, berɛ a hooso aba nnwuma pa nyinaa mu, na ho akɔ so anya Nyankopɔn ho nimdeɛ pii nso.


Na bɛbɛyɔ yei nyinaa atia ho ɔnam me dini nti, efiri sɛ bennim nea ɔsomaa me he.


Ɔno ankasa ne da Nyankopɔn animuonyam a ɔhyerɛn he adi na ɔyɛ Nyankopɔn su nsɛso pɛpɛɛpɛ, na ɔnam n’asɛm a tumi yam so kita nnoɔma nyinaa mu. Na odwiraa yɛ bɔne wieeɛ he, ɔkɔtenaa deɛ ɔwɔ tumi boro tumi nyinaa so, na ɔya soro soro he nifa.


Ɔno ne yɛ Nyankopɔn a benhu no he nsɛso ne abɔdeɛ nyinaa farebae;


Mebɔ mpaeɛ sɛ yɛ Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn, animuonyam Agya he, bɛma ho nyansa ne adiyie honhom berɛ a hoahu no yi,


Biaa nni hɔ a wahu Nyankopɔn da. Nyankopɔn a ɔyɛ Ba koro he, nea ɔya Agya he kokom he, ɔno ne wada no adi.


Na nea ɔpo Ba he po Agya he nso; nea ɔgye Ba he, gye Agya he nso.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite