11 Na baa he kaa sɛ, “Me wura, daabi.” Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Me nso memmu wo fɔ, kɔ na nkɔyɔ bɔne bio.”]
Na Nyankopɔn ansoma ne Ba he amma wiase sɛ ommebu wiase atɛne, na mmom sɛ bɛmfa no so nnye wiase nkwa.
Yei akyi he, Yesu huu no asɔredane he mu, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ, wo ho ayɛ dene, nyɔ bɔne bio na nea ɔkyɛne yei amma wo so.”
Ho deɛ hobu atɛne honam mu, na me deɛ memmu biaa atɛne.
Nti meeka akyerɛ ho sɛ anigye pii bɛba soro debɔneyɛfoɔ baako a wasakra ho kyɛne ateneneefoɔ aduɔkron nkron a benhia adwensakra.
Mamma sɛ meebɛfrɛ ateneneefoɔ, na mmom maaba sɛ meebɛfrɛ nnebɔnyɛfoɔ de bɛ akɔ adwensakra mu.”
Anaa wobu N’ayamyɛ pii a ɔno ne boasetɔ ne n’abodwokyɛre he animtia? Wonnim sɛ Nyankopɔn ayamyɛ botae ne sɛ ɔde wo bɛkɔ adwensakram?
Nɔkorem, meeka akyerɛ ho sɛ ɔnte saa koraa; nso sɛ hoansakra a, saa ne bebekuku ho nyinaa nso.
Nti, meeka akyerɛ ho sɛ, Nyankopɔn abɔfoɔ anigye debɔneyɛni baako a wasakra ho.”
Yesu buaa sɛ, “M’ahennie mfiri wiase yi mu. Sɛ nka ofiri wiase yi mu a, nka m’asomfoɔ bɛko na bɛamfa me anhyɛ Yudafoɔ he nsa. Nso m’ahennie mfiri ha.”
nso ɔsɛ sɛ yɛma yɛ ani gye na yedi ahurusie, efiri sɛ wo nua yi wuiɛ na waaba nkwa mu bio, ɔyeraeɛ na yɛahu no.’ ”
Nɔkorem, meeka akyerɛ ho sɛ ɔnte saa; nso sɛ hoansakra a, bebekuku ho nyinaa saa nso.”
Na honkae sɛ Awurade boasetɔ he kyerɛ nkwagyeɛ te sɛ nea yɛ nua Paulo nam nyansa a Nyankopɔn de maa no he so twerɛɛ ho he,
Na mmɛ ne me ne bɛ a bɛnka yɛ ho wɔ yɔ a nti meebu bɛ atɛne? Ɔnyɛ bɛ a bɛyɛ agyidifoɔ ne ɔsɛ sɛ mebu bɛ atɛne anaa?
Afei bɛkɔɔ akuraa foforɔ ase.