48 Mpanyimfoɔ he bi anaa Farisifoɔ he bi agye no atom anaa?
Yei nyinaa akyi he, mpanyimfoɔ he mu pii nso gyee no diiɛ; nso Farisifoɔ he nti bɛanka sɛnea ɔbɛyɛ na bentu bɛ mfiri hyiadane he mu,
Wiase yi anyansafoɔ biaa ante yei ase; sɛ bɛtee aseɛ a, nka bɛammɔ animuonyam Wura he asennua mu.
Na afei nyansani ya he? Twerɛfoɔ ya he? Wiase yi kyinnyefoɔ nso ya he? Nti Nyankopɔn nnanee wiase nyansa nkwaseasɛm anaa?
Nso, hwɛ ɔɔkasa peteem, nso bɛnka hwee nkyerɛ no. Nti mpanyimfoɔ he ahu sɛ ɔno ne Kristo he anaa?
Na Nyankopɔn asɛm kɔɔ so trɛeɛ, na asuafoɔ he kɔɔ so yɛɛ dodo ya Yerusalem, na Yudafoɔ som he mu asɔfoɔ mu pii gyee asɛm he diiɛ.
Nikodemo a ɔbaa Yesu nkyɛne dabi he a na ɔyɛ bemu baako bisaa sɛ,
Saa berɛ he, Yesu kaa sɛ, “Agya, soro ne asaase Wura, meda wo ase, efiri sɛ, wode nnoɔma yi ahinta anyansafoɔ ne mmadwemma, na woayi no adi akyerɛ mpapahwekwaa.
Afei Pilato frɛɛ asɔfoɔ mpanyimfoɔ he, mane sodifoɔ he ne ne manfoɔ he hyiaa mu
Na afei na nipa bi ya hɔ a na ɔka Farisifoɔ he ho a na bɛfrɛ no Nikodemo, a na ɔyɛ Yudafoɔ panyini.
Na nnipakuo yi a bennim mmara he—bɛadome bɛ!”