45 Nti awɛmfoɔ he sane kɔɔ asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne Farisifoɔ he hɔ, na bebisaa awɛmfoɔ he sɛ, “Mmɛ nti ne hoankye no?”
Farisifoɔ he tee sɛ nnipakuo he oonwinwii keka yeinom fa ne ho, na Farisifoɔ ne asɔfoɔ mpanyimfoɔ he somaa asɔrefie awɛmfoɔ sɛ bɛnkɔ kye no.
Na Petro dii n’akyi akyirikyiri de koduruu sɔfo panyini he abane mu hɔ, na ɔkɔɔ mu he ɔne asraafoɔ he tenaa ase sɛ ɔɔbɛhwɛ deɛ obesi.
Deɛ nti a n’awofoɔ kaa saa ne sɛ, na besuro Yudafoɔ he; efiri sɛ, na Yudafoɔ he apam dada sɛ, sɛ bi paem ka sɛ Yesu ne Kristo he a, bebetu no afiri hyiadane he mu.
nso bɛ mu bi kɔɔ Farisifoɔ he hɔ kɔkaa deɛ Yesu yɔeɛ he kyerɛɛ bɛ.
Nti asɔfo mpanyimfoɔ ne Farisifoɔ he maa bekohyiaa abadwafoɔ he, na bɛkaa sɛ, “Mmɛ ne yɛbɛyɔ efiri sɛ nipa yi ɔɔyɔ nsɛnkyerɛnne pii?