Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 7:4 - Apam Foforɔ

4 efiri sɛ biaa a ɔpɛ sɛ nnipa bebree behu no he nni dwuma kokoam. Sɛ hoyɔ saa nnoɔma yi a, homfa ho ho nkyerɛ wiase.”

Gade chapit la Kopi




Yohane 7:4
12 Referans Kwoze  

Yesu buaa sɛ, “Me deɛ makasa akyerɛ wiase badwam; mekyerɛkyerɛɛ hyia adane ne asɔredane mu daa, baabi a Yudafoɔ nyinaa hyia he. Menkaa bibiaa kokoam.


Nipa pa firi adepa a wakora no n’akoma mu ne oyi adepa adi, nso bɔnefoɔ firi nnebɔne a wakora no n’akoma mu ne oyi adebɔne adi; efiri sɛ nea ayɛ akoma mã aboro so he ne ano ka.


Na bɛyɔ bɛ nnwuma nyinaa sɛ ɔbɛyɛ a nipa behu bɛ. Na bɛyɔ bɛ nkaeɛ nwoma atɛtrɛtɛ, na bɛyɔ bɛ ntaadeɛ ano nso akɛseɛ.


“Na sɛ hoobɔ mpaeɛ a honnyɔ sɛ nyaatwomfoɔ he; efiri sɛ bɛpɛ sɛ begyina hyiadane mu ne mmɔntene ntweaso bɔ mpaeɛ, sɛ nnipa behu bɛ. Nɔkorɛ, meeka akyerɛ ho sɛ, bɛanya bɛ akatua dada.


“Na sɛ hoodi mmuada a, honnyɔ ho anim bosaa sɛ nyaatwomfoɔ he, efiri sɛ bɛyɔ bɛ anim bosaa sɛ ɔbɛyɔ a nnipa behu bɛ sɛ beedi mmuada. Nɔkorɛ, meeka akyerɛ ho sɛ, bɛanya bɛ akatua dada.


na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wo ne Nyankopɔn ba he a, to wo ho hwe fam; na bɛatwerɛ sɛ, Ɔbɛhyɛ n’abɔfoɔ ama wo na bɛbɛsɔ wo bɛ nsam, na wo nane ɔmpem boɔ.”


Nti ne nuanom ka kyerɛɛ no sɛ, “Firi ha kɔ Yudea sɛ ɔbɛyɛ na w’asuafoɔ he nso behu nnwuma a wooyɔ,


(Na ne nua mmeemanom mpo nnye no nni.)


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite