Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 7:16 - Apam Foforɔ

16 Na Yesu buaa bɛ sɛ, “Nea me kyerɛkyerɛ he nyɛ me dea, na mmom ɔyɛ nea ɔsomaa me he dea.”

Gade chapit la Kopi




Yohane 7:16
14 Referans Kwoze  

Nea ɔnnɔ me he nni me nsɛm so, na nsɛm a hoate he nyɛ me deɛ na ɔyɛ Agya a ɔsomaa me he deɛ.


Wonnye nni sɛ meya Agya he mu, na Agya he nso ya me mu anaa? Nsɛm a meka kyerɛ ho he, omfiri meaa me tim ne meka, na Agya a ɔte me mu he ne yɔ ne nnwuma.


efiri sɛ nsɛm a wode maa me he mede ama bɛ; na bɛ nso bɛagye; na bɛahu ampa sɛ, mefiri wo nkyɛne ne baeɛ, na bɛagye adi sɛ wone wosomaa me.


“M’ankasa mentumi mmɔ me tim nyɔ hwee. Nea mete heaa ne megyina so bu atɛne, na atɛne a mebu he tene, efiri sɛ menhwehwɛ nea m’ankasa mepɛ, na mmom nea ɔsomaa me he apɛdeɛ.


Mede w’asɛm ama bɛ, na wiase atane bɛ efiri sɛ bɛnyɛ wiase deɛ sɛnea me nso menyɛ wiase deɛ he.


Nti Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Sɛ honya ma nipa ba he so a, saa berɛ he ne hobehu sɛ mene no, na memmɔ m’ankasa me tim nyɔ bibiaa, na nea Agya he kyerɛkyerɛ me he, ɔno ne meka.


Meeka akyerɛ wo nɔkorem paa sɛ, “Nea yenim ne yɛka, na nea yɛani ahu ne yedi ho adanseɛ, nso honnye yɛ adanseɛ he nni.


Biaa ntumi mma me nkyɛne gye sɛ Agya a ɔsomaa me he twe no ba; na menyane no nna odi akyire he.


Nea ofiri soro ba he boro biaa so. Ampa nea ofiri asaase so he firi asaase so, na ɔka asaase so nsɛm. Nea ofiri soro ba he boro biaa so.


Saa nwoma yi fa Yesu Kristo adiyisɛm a Nyankopɔn de maa no sɛ ɔnkyerɛ ne nkoa nnoɔma a otwa sɛ ɔba ntɛm. Kristo somaa ne bɔfoɔ kɔɔ ne n’akoa Yohane nkyɛne kɔdaa asɛm yi adi kyerɛɛ no.


Nipa biaa a ɔfom na ɔntena Kristo nkyerɛkyerɛ he mu he, onnim Nyankopɔn. Na nea ɔtena nkyerɛkyerɛ he mu he, ɔno mmom ne nea onim Agya he ne ne Ba he.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite