Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 7:15 - Apam Foforɔ

15 Na yei yɛɛ Yudafoɔ he nwanwa ma bɛkaa sɛ, “Ɔyɛɛ dɛ ne nipa a onsuaa nwoma biaa yi nim nwoma saa?”

Gade chapit la Kopi




Yohane 7:15
18 Referans Kwoze  

Na bɛ nyinaa bedii ne ho adanse-pa, na adom nsɛm a ɔkaeɛ he maa bɛ ho dwirii bɛ, na bebisaa sɛ, “Nyɛ Yosef ba yi di?”


Na afei Yesu baa ɔnoaa ne kurom, na ɔhyɛɛ aseɛ sɛ ɔɔkyerɛkyerɛ nkurofoɔ he bɛ hyiadane mu hɔ, na bɛ ho dwirii bɛ maa bɛkaa sɛ, “He ne saa nipa yi konyaa nyansa ne tumi nnwuma a ɔte sei?


Afei berɛ a ɔɔka nsɛm yi de ayi n’ano he, Festo de nne kɛseɛ teaam sɛ, “Paulo, woobɔ dam! Adesua pii ɔɔyɛ ama woabɔ dam!”


Awɛmfoɔ he buaa sɛ, “Nipa biaa nkasaa sɛ beema yi da!”


Na sɛnea n’adwene mu dɔ na oyi nsɛm ano he nti, bɛ a beetie no he ho dwirii bɛ.


Berɛ a bɛteeɛ he, bɛ ho dwirii bɛ; na begyaa ne hɔ kɔeɛ.


Na yei ne adanseɛ a Yohane diiɛ berɛ a Yudafoɔ he somaa asɔfoɔ ne Lewifoɔ firi Yerusalem baa ne nkyɛne bebisaa no sɛ, “Wone hwane?”


Na berɛ a nnipadɔm he tee saa he, ne nkyerɛkyerɛ he yɛɛ bɛ ahodwiri.


Na Yudafoɔ ɔɔhwehwɛ no afahyɛ he ase; na bebisaa sɛ, “Ɔya he?”


Nso, Yudafoɔ he ho hu nti, biaa anyi n’anim anka ne ho asɛm.


Na behuu sɛnea Petro ne Yohane kasa akokoɔduro so he, na behuu sɛ bɛyɛ nnipa a bensuaa nwoma na bɛyɛ mpapahwekwaa he, ɔyɛɛ bɛ nwanwa. Na behuu sɛ na bɛne Yesu ne nanteeɛ.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite