Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 7:12 - Apam Foforɔ

12 Na bɛyɛɛ ne ho huhuhuhu pii nnipadɔm he mu. Binom kaa sɛ. “Ɔyɛ nipa pa.” Binom nso kaa sɛ, “Daabi, ɔɔdaadaa nkurofoɔ he.”

Gade chapit la Kopi




Yohane 7:12
20 Referans Kwoze  

Na Farisifoɔ he mu bi kaa sɛ, “Nipa yi mfiri Nyankopɔn nkyɛne, efiri sɛ onni homeda.” Nso binom bisaa sɛ, “Ɔbɛyɛ dɛ na nipa debɔneyɛni atumi ayɔ nsɛnkyerɛnne a ɔte sɛ yi?” Afei mpaepaemu baa bɛ mu.


Afei Farisifoɔ he kaa sɛ, “Wadaadaa ho nso anaa?


Farisifoɔ he tee sɛ nnipakuo he oonwinwii keka yeinom fa ne ho, na Farisifoɔ ne asɔfoɔ mpanyimfoɔ he somaa asɔrefie awɛmfoɔ sɛ bɛnkɔ kye no.


Hommfa anwiinwii ne nyiyiano nyɔ bibiaa,


Nɔkwasɛm ne sɛ, ɔbɛyɛ dene sɛ bi bewu ama deɛ ɔyɛ nipa tenenee mpo; na deɛ ɔyɛ nipa pa he deɛ, ebia nka bi besi ne bo sɛ obewu ama no.


Na ɔyɛ nipa pa na Honhom Kronkron ne gyidie ayɛ no ma. Na nnipadɔm gyee Awurade diiɛ.


Bebuaa sɛ, “Womfiri Galilea, anaa wofiri hɔ? Hwehwɛ mu hwɛ na wobehu sɛ diyifoɔ biaa nni hɔ a obefiri Galilea asɔre.”


Afei nnipa he huu nsɛnkyerɛnne a Yesu yɔeɛ he, bɛkaa sɛ, “Nɔkwasɛm, diyifoɔ a ɔɔba wiase he di.”


Na hwɛ, na beema bi ya hɔ a bɛfrɛ no Yosef a ɔyɛ badwani na ɔyɛ nipa pa na ɔtene nso.


Na sraani panyini he huu nea asi he, ɔhyɛɛ Nyankopɔn animuonyam sɛ, “Ampa, na nipa yi yɛ teneneeni.”


Yesu bisaa no sɛ, “Mmɛ nti ne wofrɛ me papa? Biaa nyɛ papa gye baako pɛ, ɔno ne Nyankopɔn.


Afei hu kaa bɛ nyinaa, na befirii aseɛ hyɛɛ Nyankopɔn animuonyam sɛ, “Bɛama diyifoɔ kɛseɛ bi so ya yɛ mu,” na “Nyankopɔn ama n’ani aba ne nkurofoɔ so!”


Nipa pa firi adepa a wakora no n’akoma mu ne oyi adepa adi, nso bɔnefoɔ firi nnebɔne a wakora no n’akoma mu ne oyi adebɔne adi; efiri sɛ nea ayɛ akoma mã aboro so he ne ano ka.


Na bɛkaa sɛ, “Owura, yɛkae sɛ daadaafoɔ he te ase he ɔkaa sɛ ‘Nnansa akyi he menyane.’


Na bɛpɛ sɛ bɛkye no, nso na besuro nnipadɔm he, efiri sɛ na nnipadɔm he gye no tom sɛ diyifoɔ.


ɔdɔɔso ma suani sɛ ɔbɛyɛ sɛ ne kyerɛkyerɛni, anaa akoa sɛ ne wura. Sɛ bɛfrɛɛ fie he wura he Beelsebul a, mprɛ ahe ne bɛmfrɛ fie he mufoɔ saa bi!


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite