Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 7:1 - Apam Foforɔ

1 Yei akyi he, Yesu kɔɔ Galilea. Na ɔmpɛ sɛ ɔbɛkɔ Yudea efiri sɛ na Yudafoɔ he ɔɔhwehwɛ kwane bi afa so aku no.

Gade chapit la Kopi




Yohane 7:1
19 Referans Kwoze  

Ofirii Yudea na ɔsane n’akyi baa Galilea.


Nso berɛ a nhwɛsofoɔ he huu ne ba he, bɛka kyerɛɛ bɛ ho bɛ ho sɛ, ‘Yei ne nea obedi adeɛ he; homma yenku no na yɛmfa n’agyapadeɛ he.’


“Ɔnyɛ Mose ne maa ho mmara he? Nso ho mu baako mpo nni mmara he so. Ɛɛne nti ne hoopɛ kwane afa so aku me?”


Sɛ bɛtaa ho kuro baako so a, honwane nkɔ kuro foforɔ so; na nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ, honnkɔ Israel nkuro nyinaa mu na Nipa Ba he aba.


Yesu Nasareni he, Nyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi hyɛɛ no ma, na okyinikyinii asaase he so yɔɔ papa, na ɔsaa bɛ a Bronsam hyɛ bɛ so nyinaa yadeɛ, efiri sɛ na Nyankopɔn ka ne ho.


Yei nso ne nsɛnkyerɛnne a ɔtɔ so mmienu a Yesu firi Yudea baa Galilea he, ɔyɔeɛ.


Na yei ne adanseɛ a Yohane diiɛ berɛ a Yudafoɔ he somaa asɔfoɔ ne Lewifoɔ firi Yerusalem baa ne nkyɛne bebisaa no sɛ, “Wone hwane?”


nso seesei hopɛ sɛ hoku me, nipa a maaka nɔkorɛ a mete firi Agya he nkyɛne akyerɛ ho he. Nso Abraham deɛ wanyɔ saa adeɛ yi.


Menim sɛ hoyɛ Abraham asefoɔ, nso hopɛ sɛ hoku me, efiri sɛ m’asɛm nsene ho mu.


Afei Yerusalemfoɔ he binom kaa sɛ, “Ɔnyɛ beema yi ne bɛɛpɛ no aku no yi?


Na asɔfo mpanyimfoɔ he ne atwerɛfoɔ he teeɛ he, bɛkɔɔ so hwehwɛ kwane a bɛbɛfa so aku no nso, na besuro no, efiri sɛ, ne nkyerɛkyerɛ he twee nnipakuo he nyinaa adwene.


Yeinom akyi he, Yesu kɔɔ Galilea po, nea bɛsane frɛ no Tiberia po, he agya.


Na Yudafoɔ ɔɔhwehwɛ no afahyɛ he ase; na bebisaa sɛ, “Ɔya he?”


Nso, Yudafoɔ he ho hu nti, biaa anyi n’anim anka ne ho asɛm.


Yudafoɔ he bisaa bɛ ho bɛ ho sɛ, “Hefa ne nipa yi pɛ sɛ ɔkɔ a nti yenhu no? Ɔpɛ sɛ ɔkɔ Yudafoɔ a bɛahwete Helafoɔ mu he nkyɛne na ɔkɔkyerɛkyerɛ Helafoɔ he anaa?


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite