Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 6:9 - Apam Foforɔ

9 “Abeemaa bi ya ha a ɔwɔ atokoɔ paanoo nnum ne nkyenam nketewa mmienu. Nso yei bɛyɛ nnipadɔm yi dɛ?”

Gade chapit la Kopi




Yohane 6:9
24 Referans Kwoze  

Nso ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Homma bɛ bibi nni.” Bɛkaa sɛ, “Yenni hwee sɛ paanoo num ne nkyenam mmienu, gye sɛ ebia yɛ ankasa yɛkɔtɔ aduane bra nnipa yi nyinaa.”


Na obisaa bɛ sɛ, “Paanoo meɛhe ne ho wɔ? Honkɔ hwɛ,” na behuiɛ he bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Paanoo num ne nkyenam mmienu.”


Bebuaa sɛ, “Yenni hwee sɛ paanoo num ne nkyenam mmienu.”


Nti honni nteaseɛ? Honnkae paanoo nnum a mede maa nnipa mpemnum, ne nkɛntɛmma dodoɔ a hosesaeɛ he?


Berɛ a mebubuu paanoo num maa nnipa mpem num he, paanoo mproprowa nkɛntɛmma meɛhe ne hosesaeɛ?” Bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Nkɛntemma dummienu.”


Na honim yɛ Awurade Yesu Kristo adom he, sɛ na ɔde ne ho adeɛ nyinaa mu deɛ, nso ho nti ɔgyaee ne nyinaa too hɔ, na ama ho abɛyɛ adefoɔ nnoɔma nyinaa mu.


Metee bibi te sɛ nne bi firi ateasefoɔ nnan he nkyɛne. Na nne he kaa sɛ, “Ayuo susukora yɛ paani da koro akatua, na aburo susukora mmeɛnsa nso yɛ paani da koro akatua. Nso, nsɛe ngo he ne nsa he!”


Na Maria duruu baabi a na Yesu ya he na n’ani bɔɔ ne so he, obuu nkotodwe ne nane ase, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, sɛ na woya ha a, nka me nua beema yi anwu.”


Marta ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Awurade, sɛ na woya ha a, nka me nua beema yi anwu.


Filipo buaa sɛ, “Paanoo a ne boɔ bɛyɛ paani bosome nsia akatua mpo ɔnso bɛ sɛ bɛ mu biaa benya bi adi.”


Na Yesu faa paanoo ne nkyenam he, na ɔdaa ase he, ɔkyɛ maa bɛ a bɛtete hɔ he; saa nso ne ɔmaa bɛ nkyenam he dodoɔ a biaa hia.


Na bebeduru kokoɔ so he, behuu gyabidie a bɛasɔ a nam ne paanoo gu so.


Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Homfa adwene a hoayi he bi mmra.”


Yesu ba bɛfaa paanoo he na ode maa bɛ, na ɔfaa nam he nso yɔɔ saa.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite