Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 6:51 - Apam Foforɔ

51 Mene paanoo a nkwa yam a mesiane firi soro baeɛ he, sɛ bi di paanoo yi bi a, ɔbɛtena ase daa. Na paanoo a mede bɛma wiase nkwa he ne me honam.”

Gade chapit la Kopi




Yohane 6:51
30 Referans Kwoze  

Afei nso, ɔfaa paanoo daa ase, bubuu mu de maa bɛ kaa sɛ, “Yei ne me honam a bɛde bɛma, esiane ho nti. Honyɔ yei mfa nkae me.”


Na Nyankopɔn paanoo ne nea osiane firi soro ba na ɔma wiase nkwa he.”


Nipa biaa mforo nkɔɔ soro gye sɛ nea wasiane afiri soro, Nipa Ba he.


Ɔno ne de ne ho maeɛ ɔnam yɛ nti sɛ ɔbɛgye yɛ afiri amumuyɔ nyinaa mu na wate yɛ ho afa yɛ ayɛ ɔno ankasa ne nkurofoɔ a bɛbɔ mmɔdene nwuma pa mu.


sɛdeɛ Nipa Ba he nso amma sɛ bɛnsom no na mmom ɔbɛsomeɛ na ɔde ne nkwa ayɛ agyedeɛ ama nipa bebree he.”


na ɔnam kwane foforɔ a nkwa yam so abie ntomadane he ama yɛ yi (mekyerɛ ɔnam ne honam so),


Na yɛ nti nea onnim bɔne he, Nyankopɔn de yɛ bɔne ho afobuo to ne so, sɛnea ɔbɛyɛ a yɛnam ne so bɛyɛ tenenee ama Nyankopɔn.


Hommra Awurade a ɔyɛ boɔ a nkwa yam he nkyɛne. Ɔno ne nnipa poo no, na Nyankopɔn ani so deɛ ɔyɛ nea wayi no, na ɔsom bo he.


na hontena dɔ mu, sɛnea Kristo dɔɔ yɛ na ɔde ne ho maeɛ sɛ ayɛyɛdeɛ ne afɔrebɔdeɛ a oohwam ma Nyankopɔn, ɔnam yɛ nti.


Na sɛnea Nyankopɔn dɔɔ wiase di, sɛ ɔde ne Ba ɔwoo no koro he maeɛ, na biaa a ɔbɛgye no adi he anyera, na mmom wanya daa nkwa.


Na adeɛ kyeɛ he, Yohane huu sɛ Yesu ɔɔba, na ɔkaa sɛ, “Hwɛ! Nyankopɔn adwamaa a oyi wiase bɔne kɔ he di!


Yɛahu, na yedi adanseɛ sɛ Agya he somaa ne Ba ma ɔbɛyɛɛ wiase Agyenkwa.


Yei mu ne dɔ he ya, ɔnyɛ sɛ yɛ ne yɛdɔɔ Nyankopɔn, na mmom ɔno ne dɔɔ yɛ na ɔnam so somaa ne Ba sɛ ɔmmɛyɛ yɛ bɔne ho mpatadeɛ.


Na Kristo he ankasa ne yɛ yɛ bɔne ho mpatadeɛ, na ɔnyɛ yɛ bɔne nkoaa, na mmom wiase nyinaa bɔne nso.


Na Asɛm he bɛyɛɛ honam bɛtenaa yɛ mu, na yɛahu n’animuonyam sɛ Agya he Ba a ɔwoo no koro maa yɛ, adom ne nɔkorɛ ahyɛ no ma.


Kununom, honnɔ ho yerɛnom, sɛnea Kristo nso dɔɔ asafo he na ɔde ne ho too hɔ maa asafo he,


ɔne sɛ, na Nyankopɔn nam Kristo so ɔɔpata atwe wiase aba ne nkyɛne a, ommu bɛ bɔne ntia bɛ, na ɔde mpata asɛm ama yɛ.


Sɛnea twerɛsɛm he aka he, ‘Nea ɔgye me di he, nkwa asubɔntene bɛtene afiri n’akomam.’ ”


Na sɛnea Mose maa wɔ he so serɛ so he, saa ne otwa sɛ bɛma Nipa Ba he so,


Nea ɔgye ba he di he wɔ daa nkwa, na nea ontie ba he onhu nkwa, na Nyankopɔn abufuo ya ne so.


Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ, nea otie m’asɛm na ɔgye nea ɔsomaa me he di he wɔ daa nkwa, na ɔmma atemmuom, na mmom waafiri wuom aba nkwam.


Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Mene nkwa paanoo he. Nea ɔba menkyɛne he kɔm ɔnne no da, na nea ɔgye me di he, sukɔm ɔnne no da.


Afei Yudafoɔ he firi aseɛ nwiinwii sɛ waka sɛ, “Mene paanoo a osiane firii soro he.”


Meeka akyerɛ ho nɔkorem sɛ, biaa a ɔgye di he benya daa nkwa.


Mene nkwa paanoo he.


Yei ne paanoo a osiane firi soro he, sɛ biaa nni na wanwu.


Na biaa a ɔte ase na ɔgye me di he onwu da. Wogye yei di anaa?”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite