22 Adeɛ kyeeɛ he, nnipakuo a na begyina po he agya he huu sɛ kodoɔ biaa nni hɔ gye sɛ baako a n’asuafoɔ he kɔɔ mu he, nso Yesu ne bɛ ankɔ kodoɔ he mu, na n’asuafoɔ he nkoaa ne bɛkɔeɛ.
Amonom hɔaa, ɔmaa n’asuafoɔ he tenaa kodoɔ he mu dii kane kɔɔ Betsaida fam hɔ baabi ya asuogya, na ɔmaa nkurofoɔ he kɔeɛ.
Na nnipakuo kɛseɛ kɔɔ so dii n’akyi, efiri sɛ behuu nsɛnkyerɛnne a na ɔɔyɔ ma ayarefoɔ.
Amonom hɔaa Yesu maa asuafoɔ he kɔɔ kodoɔ he mu sɛ bentwa nni n’anim kane nkɔ asuogya nohoa, na onnya nnipadɔm he kwane.