Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 5:39 - Apam Foforɔ

39 “Hohwehwɛ twerɛsɛm he mu, efiri sɛ hogye di sɛ ɔno ne bɛma ho nkwa, na ɔnoaa nso ne di me ho adanseɛ.

Gade chapit la Kopi




Yohane 5:39
51 Referans Kwoze  

Na ɔde firi Mose ne Adiyifoɔ he nyinaa so kyerɛkyerɛɛ bɛ nsɛm a ɔfa ne ho a ɔya Twerɛsɛm he nyinaa mu.


Afei ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Yei ne me nsɛm a meka kyerɛɛ ho berɛ a na meda so ka ho ho he, sɛ otwa sɛ nea bɛatwerɛ afa me ho ya Mose mmara ne Adiyifoɔ he ne Nnwom he mu nyinaa ba mu.”


Na yeinom gyee asɛm he sene bɛ a bɛya Tesalonika he, efiri sɛ bɛde bɛ adwene nyinaa gyee asɛm he, na da biaa na bɛhwehwɛ twerɛsɛm he mu yie hwɛ sɛ nsɛm he te saa anaa.


Yesu buaa bɛ sɛ, “Nea hooka yi, te ne honte aseɛ yie, efiri sɛ honnim atwerɛeɛ he anaa Nyankopɔn tumi.


Na osiane sɛ bɛ a bɛtete Yerusalem ne bɛ sodifoɔ he anhu no na bɛante adiyifoɔ he nsɛm a bɛkenkanee no Homeda biaa he ase nti, bebuu no fɔ maa adiyifoɔ he nsɛm he baa mu.


Sɛ hogye Mose di a, hobegye me nso adi, efiri sɛ Mose twerɛɛ me ho asɛm.


Ɔdɔɔso kwane hodoɔ bebree so, efiri sɛ nea odi kane he, Yudafoɔ he ne bɛde Nyankopɔn nsɛm hyɛɛ bɛ nsa.


Nti, honnkenkanee atwerɛ yi da: ‘Boɔ a adansifoɔ he poeɛ he abɛyɛ tweasotiboɔ titire;


Afei mebutuu ne nane ase sɔree no. Nso ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Nyɔ saa, efiri sɛ, meyɛ akoa te sɛ wo ne wo nuanom a bedi Yesu ho adanseɛ heaa, Nyankopɔn mmom ne koto sɔre no! Na Yesu adanseɛ ne yɛ adiyie honhom he.”


a ɔnam n’adiyifoɔ so hyɛɛ ho bɔ siee twerɛnsɛm kronkron he mu he,


Hene Agrippa, nti wogye Adiyifoɔ he di? Menim sɛ wogye bɛ di.”


Bebuaa sɛ, “Womfiri Galilea, anaa wofiri hɔ? Hwehwɛ mu hwɛ na wobehu sɛ diyifoɔ biaa nni hɔ a obefiri Galilea asɔre.”


Bi ya hɔ a odi me ho adanseɛ na menim sɛ adanseɛ a odi fa me ho he yɛ nɔkorɛ.


Nso mewɔ adanseɛ a ɔkyɛne Yohane deɛ he, efiri sɛ nnwuma a m’Agya de ahyɛ me nsa sɛ menyɔ he, nnwuma a meeyɔ heaa di me ho adanseɛ sɛ Agya heaa ne asoma me.


Na ɔka kyerɛɛ defoɔ he sɛ, ‘Sɛ bɛantie Mose ne adiyifoɔ he a, saa ne sɛ bi sɔre firi awufoɔ mu kɔ bɛ nkyɛne mpo a, bɛnnye no nni.’ ”


Na afei, bɛ ani gyinaa mane papa bi, mekyerɛ, soro mane he. Ne saa nti ɔnyɛ Nyankopɔn aniwuo sɛ bɛbɛfrɛ no bɛ Nyankopɔn; nɔkwasɛm ne sɛ, wasiesie kuro bi ama bɛ.


Homma Kristo asɛm ntena ho mu yie. Honkyerɛkyerɛ na hontu ho ho fo nyansasɛm nyinaa mu, na homfa akoma mu aseda nto sankunnwom ne ayeyie nnwom ne honhom mu nnwom mma Nyankopɔn.


Na Abraham kaa sɛ, ‘Bɛwɔ Mose ne adiyifoɔ he; ma bentie bɛ.’


Filipo huu Natanael, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛahu nea Mose kaa ne ho asɛm ya mmara he mu na adiyifoɔ he nso kaa ne ho asɛm he, Yesu, Yosef ba a ofiri Nasaret he.”


Nnanom nsa kaa bɛ awufoɔ a bɛasɔre. Bɛyɛɛ bebree ayakayakadeɛ, nso bɛampene sɛ bɛbɛgye bɛ, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a bebenya wusɔreɛ a odi mu.


Nti ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “O adwenharefoɔ a hoyɛ nyaa ho akoma mu sɛ hobɛgye deɛ adiyifoɔ he aka nyinaa adi!


Nso, hommpɛ sɛ ho ba me nkyɛne na hoanya nkwa.


Obisaa bɛ sɛ, “Mmɛ ne Mose hyɛɛ ho?”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite