Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 5:36 - Apam Foforɔ

36 Nso mewɔ adanseɛ a ɔkyɛne Yohane deɛ he, efiri sɛ nnwuma a m’Agya de ahyɛ me nsa sɛ menyɔ he, nnwuma a meeyɔ heaa di me ho adanseɛ sɛ Agya heaa ne asoma me.

Gade chapit la Kopi




Yohane 5:36
17 Referans Kwoze  

Yesu buaa sɛ, “Maka akyerɛ ho, na honnye nni. Nnwuma a meyɔ no m’Agya dini mu heaa di me ho adanseɛ;


Sɛ mannyɔ nnwuma a biaa nyɔɔ bi da bɛ mu a, nka bɛnnyɔɔ bɔne. Na afei deɛ bɛahu, nso bɛatane me ne m’Agya nyinaa.


Na berɛ a ɔya Yerusalem Twam afahyɛ ase he, nnipa bebree a behuu nsɛnkyerɛnne a ɔyɔeɛ he gyee no diiɛ.


Sɛ yɛgye nnipa adanseɛ di a adanseɛ a Nyankopɔn di he kyɛne no. Na Nyankopɔn adanseɛ he ne adanseɛ a wadi afa ne Ba he ho.


Ɔbaa Yesu hɔ anadwo bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Rabuni, yenim sɛ woyɛ kyerɛkyerɛni a wofiri Nyankopɔn nkyɛne ne aba, na bi ntumi nyɔ nsɛnkyerɛnne a woyɔ yi, gye sɛ Nyankopɔn ka ne ho.”


Na Nyankopɔn ansoma ne Ba he amma wiase sɛ ommebu wiase atɛne, na mmom sɛ bɛmfa no so nnye wiase nkwa.


Yesu buaa bɛ sɛ, “Honkɔ na honkɔka deɛ hoate ne deɛ hoahu nkyerɛ Yohane:


“Israelfoɔ, hontie nea meeka yi: Yesu, Nasareni he, beema a Nyankopɔn de anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnne a ɔno Nyankopɔn he ankasa nam ne so yɔɔ no ho mu yii no adi kyerɛ ho pefee, sɛnea hoaa honim he;


Bi ya hɔ a odi me ho adanseɛ na menim sɛ adanseɛ a odi fa me ho he yɛ nɔkorɛ.


Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “M’aduane ne sɛ mɛyɔ nea ɔsomaa me he apɛdeɛ, na mawie n’adwuma.


Mawie adwuma a wode ama me sɛ menyɔ he de ahyɛ wo animuonyam asaase so.


Nso binom kaa sɛ, “Yei ne bie nifirani ani he; nka ontumi nsi yei wuo yi ho kwane anaa?”


Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Mmɛ nti ne ɔsɛ sɛ hokyini hwehwɛ me? Nti honnim sɛ otwa sɛ metena m’Agya fie anaa?”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite