Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 5:26 - Apam Foforɔ

26 Na sɛnea Agya he wɔ nkwa ɔnoaa ne mu he, saa na ɔde ama Ba he nso sɛ onya nkwa ɔno ankasa ne mu.

Gade chapit la Kopi




Yohane 5:26
26 Referans Kwoze  

Na biaa a ɔte ase na ɔgye me di he onwu da. Wogye yei di anaa?”


Ne mu ne nkwa ya, na nkwa he ne nnipa hann.


Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Mene kwane he, nɔkorɛ he ne nkwa he, bi nkɔ Agya he nkyɛne gye sɛ ɔfa me so.


Honhom he ne ayeforɔ he dɛ, “Bra!” Na biaa a ɔte saa asɛm yi nso ka sɛ, “Bra!” Na deɛ sukɔm de no he mmra; na nea ɔpɛ he nso mmɛgye nkwa nsuo he kwa.


Anidie ne animuonyam nka Nyankopɔn daa daa, mekyerɛ daa mmeresantene Hene a onnwu da, na bennhu no a ɔno nkoaa ne Nyankopɔn trodoo he. Amen!


Bɛatwerɛ sɛ, “Nnipa a odi kane, Adam, bɛyɛɛ kra teasefoɔ”; na Adam a otwa toɔ deɛ, ɔbɛyɛɛ honhom a ma nkwa.


Afei bɔfoɔ he kyerɛɛ me nkwa asubɔntene a ani te krɔgyee sɛ ahwehwɛ a ofiri Nyankopɔn ne Dwammaa he ahennwa so


Na ɔkɔɔ so kaa sɛ, “Bɛawie! Mene Ahyɛaseɛ ne Awieeɛ, kyerɛ sɛ, mfitiaseɛ ne awieeɛ he. Biaa a sukɔm de no he, mɛma no nsuo a ofiri nkwa asuti mu anom kwa.


Ɔno nkoaa ne wɔ anwuda tebea na ɔte hann a bi ntumi nkɔ ho, nea biaa nhu no da na biaa ntumi nhu no; ɔno ne anidie ne daa tumidie wɔ no. Amen.


na bɛmfa nipa nsa nsom no, te sɛ nea ohia bibi, efiri sɛ ɔno mmom ne ma nnipa nyinaa nkwa, ahomee ne adeɛ nyinaa.


Aaka kakra na wiase nhu me bio, na ho deɛ hobehu me efiri sɛ, mete ase, nti ho nso hobɛtena ase.


Meeka nɔkwasɛm paa akyerɛ ho sɛ, biaa a obedi me nsɛm so he, onwu da.”


Yesu buaa no sɛ, “Sɛ wonim Nyankopɔn akyɛdeɛ ne nea oobisa wo sɛ, ‘Ma me nsuo he bi nnom’ a nka wobebisa no na wama wo nkwa nsuo.”


efiri sɛ, Adwamaa he a ɔya ahennwa he mfinimfini he bɛyɛ bɛ dwanhwɛfoɔ de bɛ akɔ nkwa asuti ho. Na Nyankopɔn bɛpopa bɛ aniwa mu nisuo nyinaa.”


Sɛnea Agya a ɔte ase he somaa me he, na Agya he nti mete ase he, saa ara nso ne nea odi me honam he, me nti ɔbɛtena ase.


Biaa nnye mfiri me nsam, na m’ankasa ne mefiri mepɛ mu de to hɔ. Mewɔ tumi sɛ mede to hɔ, na mewɔ tumi sɛ mesane fa bio. Menyaa yei ho ahyɛdeɛ firii m’Agya nkyɛne.”


Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Me ne wusɔreɛ ne nkwa. Bɛ a bɛgye me di he, bewu mpo a bebenya nkwa.


na nna a odi akyire yi mu deɛ, ɔnam ne Ba a waayi no asi hɔ sɛ nnoɔma nyinaa so diadeɛ, na ɔnam ne so bɔɔ nnoɔma nyinaa he so, akasa akyerɛ yɛ.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite