Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 5:23 - Apam Foforɔ

23 na ama biaa adi Ba he ni sɛnea bedi Agya he ni heaa. Nea onni Ba he ni he, onni Agya a ɔsomaa no he nso ni.

Gade chapit la Kopi




Yohane 5:23
47 Referans Kwoze  

Na nea ɔpo Ba he po Agya he nso; nea ɔgye Ba he, gye Agya he nso.


“Nea otie ho he tie me nso. Na nea obu ho animtia he bu me nso animtia. Afei nso, nea obu me animtia he bu nea ɔsomaa me he nso animtia.”


Nipa biaa a ɔfom na ɔntena Kristo nkyerɛkyerɛ he mu he, onnim Nyankopɔn. Na nea ɔtena nkyerɛkyerɛ he mu he, ɔno mmom ne nea onim Agya he ne ne Ba he.


M’Agya de nnoɔma nyinaa ahyɛ me nsa; na biaa nnim Ba he, gye Agya he; na biaa nnim Agya he nso, gye Ba he ne biaa a Ba he pɛ sɛ ɔbɛma n’ahu no.


Afei nso, berɛ a na ɔno ankasa de ne Ba a ɔkyɛne so he ɔɔba wiase he, ɔkaa sɛ, “Ma Nyankopɔn abɔfoɔ nyinaa nsɔre no.”


Adom nka bɛ a bɛde dɔ a ɔnsa da dɔ yɛ Awurade Yesu Kristo nyinaa.


Na honyini ya yɛ Awurade ne Agyenkwa Yesu Kristo adom ne nimdeɛ mu. Ɔno ne animuonyam nka no seesei ne daa. Amen.


Nso honni honam mu; hoya Honhom mu, esiane Nyankopɔn Honhom a ɔte ho mu nti. Biaa a onni Kristo Honhom he nyɛ Kristo dea.


Nti sɛ hodidi oo, honom oo, hoyɛ bibiaa oo, honyɔ ne nyinaa nhyɛ Nyankopɔn animuonyam.


Nso afei a hoade ho ho afiri bɔne ho yi, ho abɛyɛ Nyankopɔn nkoa, mfasoɔ a honya ne ahoteɛ. N’awieeɛ ne daa nkwa.


Ɔno ne bɛhyɛ m’animuonyam; efiri sɛ ɔbɛfa nea ɔyɛ me deɛ he bi na wapaem aka akyerɛ ho.


Anaa honnim sɛ ho nipadua yɛ Honhom Kronkron a honya firii Nyankopɔn hɔ a ɔte ho mu he asɔredane, na honne ho ho?


Na ne dini mu ne Amanamane mufoɔ benya anidasoɔ.”


ɔno nti ne mehu saa amaneɛ yi nso. Nso m’ani nwu ho, efiri sɛ menim nea maagye no adi, na menim sɛ obetumi akora nea mede ahyɛ ne nsa akosi Da he.


Awurade Yesu Kristo adom, Nyankopɔn dɔ ne Honhom Kronkron ayɔnkofa nka ho nyinaa.


ɔne sɛ, na Nyankopɔn nam Kristo so ɔɔpata atwe wiase aba ne nkyɛne a, ommu bɛ bɔne ntia bɛ, na ɔde mpata asɛm ama yɛ.


Nɔkwasɛm ne sɛ, yɛtee nka yɛ mu sɛ yebewuwu, saa nti yɛamfa yɛ ho anto yɛ ho so, na mmom Nyankopɔn a onyane awufoɔ he ne yɛ de ho too no so.


Adom ne asomdwie a ofiri Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu hɔ nka ho.


“Hommma ho akoma ntutu! Honye Nyankopɔn nni, na me nso honye me nni.


Biaa a ɔdɔ Agya anaa na kyɛne me he mfata sɛ ɔbɛyɛ me suani; na biaa a ɔdɔ babeema anaa babaa kyɛne me he nso mfata sɛ ɔbɛyɛ me suani;


Na yeinom nyinaa mu he, Kristo dɔ he ne hyɛ yɛ, efiri sɛ, yenim pefee sɛ baako wu maa yɛ nyinaa; saa deɛ a ɔte sɛ yɛ nyinaa yɛawu.


Sɛ bi mpɛ Awurade Yesu asɛm a, onnue! Yɛ Awurade bra!


na afei nso Yesaia kaa sɛ, “Yisai aseni bi bɛba, nea ɔbɛsɔre adi hene Amanamane mufoɔ so; ne mu ne Amanamane mufoɔ benya anidasoɔ.”


Me Paulo ne meetwerɛ krataa yi de abra ho, Nyankopɔn adɔfoɔ, a hoya Roma nyinaa, ho a bɛafrɛ ho sɛ hommɛyɛ ahoteefoɔ he: Adom ne asomdwie a ofiri yɛ Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka ho.


Nea mewɔ nyinaa yɛ wo dea, na wo deɛ nyinaa nso yɛ me deɛ, na maanya animuonyam yam.


Nti honkɔyɛ amane nyinaa m’asuafoɔ, na hommɔ bɛ asu nhyɛ Agya he, Ɔba he ne Honhom Kronkron he dini mu,


Simon Petro, Yesu Kristo akoa a ɔsane yɛ ne somafoɔ twerɛ krataa yi de kɔma bɛ a esiane yɛ Nyankopɔn ne yɛ Agyenkwa Yesu Kristo tenenee nti, bɛanya gyidie a ɔte sɛ yɛ deɛ heaa.


‘Mane yi de bɛ ano fafa ne di me nni, nso bɛ akoma deɛ atwe afiri me ho kɔ akyirikyiri;


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite