16 Yei nti Yudafoɔ he hyɛɛ aseɛ sɛ bɛɛtaa Yesu, efiri sɛ ɔyɔɔ yeinom homeda.
Honkae asɛm a maka akyerɛ ho yi, ‘Akoa nkyɛne ne wura.’ Sɛ bɛtane me a, bɛbɛtane ho nso, sɛ bedi me nsɛm so a, bebedi ho deɛ nso so.
Na bɛbɔɔ mmɔdene sɛ bɛbɛkye no, nso ofiri bɛ nsa kɔeɛ.
Afei Yerusalemfoɔ he binom kaa sɛ, “Ɔnyɛ beema yi ne bɛɛpɛ no aku no yi?
Nso na nea ne ho ayɛ no dene he nnim nipa korɔ a ɔsaa no yadeɛ he, efiri sɛ na Yesu atwe ne ho kɔ, ɔnam nnipakuo a na bɛya hɔ nti.
Na yei maa bɛ ani beree dendenndene, na betuu Yesu ho agyina hwɛɛ nea bɛde bɛyɔ no.
Na Farisifoɔ he firii abɔntene a pɛ, bɛ ne Herodefoɔ bɔɔ pɔ hwehwɛɛ kwane a bɛbɛfa so aku no.
Na afei ɔka kyerɛɛ beema he sɛ, “Tene wo nsa.” Ɔteneeɛ, na ɔyɛɛ yie sɛ baako heaa.
Na yei ne adanseɛ a Yohane diiɛ berɛ a Yudafoɔ he somaa asɔfoɔ ne Lewifoɔ firi Yerusalem baa ne nkyɛne bebisaa no sɛ, “Wone hwane?”
Nti Yudafoɔ he ka kyerɛɛ beema a Yesu saa no yadeɛ he sɛ, “Ɔyɛ homeda, na mmara mma kwane sɛ wobɛsoa wo kɛtɛ.”
Beema he kɔka kyerɛɛ Yudafoɔ he sɛ, Yesu ne saa no yadeɛ.
Na Yesu buaa bɛ sɛ, “M’Agya gu so ɔɔyɔ adwuma besi sesɛɛ, na me nso meeyɔ adwuma.”
Na yei nti afei Yudafoɔ he hwehwɛɛ sɛ bebeku no, efiri sɛ ɔnyɛ homeda nkoaa ne wabu so, na mmom ɔfrɛ Nyankopɔn sɛ ɔno ankasa n’Agya, de yɛ ne ho sɛ ɔne Nyankopɔn yɛ pɛ.
Yesu buaa bɛ sɛ, “Maayɔ adwuma baako, na yei yɛ ho nyinaa nwanwa.