Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 4:9 - Apam Foforɔ

9 Samariani baa he ka kyerɛɛ no sɛ, “Mmɛ nti ne wo a woyɛ Yudani woobisa me Samariani baa nsuo?” (Na Yudafoɔ ne Samariafoɔ nni twaka biaa.)

Gade chapit la Kopi




Yohane 4:9
12 Referans Kwoze  

na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ho ankasa honim pefee sɛ mmara mma kwane sɛ Yudani ne abusua foforɔ munii bɛbɔ anaa ɔbɛbɛne no, nso Nyankopɔn akyerɛ me sɛ ɔnsɛ sɛ mefrɛ nipa biaa sɛ ne ho agu fi anaa ne ho nte.


Yudafoɔ he buaa no sɛ, “Sɛ yɛka sɛ woyɛ Samariani na wowɔ honhommɔne a, ɔnyɛ nɔkorɛ?”


Saa nnipa dummienu yi ne Yesu somaa bɛ hyɛɛ bɛ sɛ, “Hommmane nkɔ Amanamane mufoɔ hɔ, na honnwura Samariafoɔ kuro biaa mu,


na mmom sɛ Honhom Kronkron he nya ba ho so a, hobenya ahoɔdene, na hoayɛ m’adansefoɔ ya Yerusalem, Yudea ne Samaria de akɔpem asaase ano nohoa.”


Saa berɛ heaa ne n’asuafoɔ he baeɛ, na ɔyɛɛ bɛ nwanwa sɛ ɔne baa he bɛɛkasa. Nso biaa anka sɛ “Mmɛ ne woohwehwɛ?” Anaa “Mmɛ nti ne wo ne no ɔɔkasa?”


Yei akyi he, Samariani bi a ɔnam kwane he so ootu kwane bɛtoo no, na ohuu no he, ɔyɛɛ no mmɔbɔ.


Nti soma kɔ Yopa kɔfrɛ Simon a bɛfrɛ no Petro he. Saa beema yi abɛsoeɛ Simon a ɔyɛ nwomahyɛni he fie po he ano.’


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite