53 Na papa he huu sɛ ɔyɛ saa berɛ heaa ne Yesu kaa sɛ, “Wo ba he onnwu.” Nti ɔne n’abusuafoɔ nyinaa gye diiɛ.
Na afei Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ampa, Nnɛ da yi nkwagyeɛ aba fie ha, efiri sɛ ɔno nso yɛ Abraham ba.
Krispo a na ɔyɛ hyiadane he mu panyini ne ne fiefoɔ nyinaa gyee Awurade diiɛ. Na Korintofoɔ he a betie Paulo he nso gye diiɛ na bɛbɔɔ bɛ asu.
Ɔde bɛ baa fie hɔ, na ɔde aduane besisii bɛ anim, na ɔne ne fiefoɔ nyinaa dii ahurusie sɛ wabɛyɛ Nyankopɔn gyidini.
na ɔbɛka nea ɔbɛma bɛagye wo ne wo fiefoɔ nyinaa nkwa akyerɛ wo.’
Afei berɛ a yɛbɔɔ ɔne ne fiefoɔ asu he, ɔde nkotosrɛ kaa sɛ, “Sɛ hoahu me sɛ nɔkwafoɔ ama Awurade a, hommɛtena me fie.” Na ɔkaeɛaa ma yɛkɔɔ ne fie.
Na bɔhyɛ yi ya hɔ ma ho ne ho mma ne bɛ a bɛya akyirikyiri, a Awurade yɛ Nyankopɔn bɛfrɛ bɛ aba ne nkyɛne nyinaa.”
Na Yesu ka kyerɛɛ asraafoɔ ha so panyini he sɛ, “Kɔ; ɔnyɔ hɔ ma wo sɛdeɛ wo gyidie teɛ.” Na akoa he ho tɔɔ no saa dɔnhwere heaa mu.
Na obisaa bɛ berɛ pɔtee a ne ho yɛɛ no dene he, na bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Nnora bɛyɛ awia dummienu ne abunu he kɔeɛ.”
Na ɔɔkɔ he, ne nkoa behyiaa no, na bɛkaa sɛ, “Wo ba he ate apɔ!”