Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 4:34 - Apam Foforɔ

34 Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “M’aduane ne sɛ mɛyɔ nea ɔsomaa me he apɛdeɛ, na mawie n’adwuma.

Gade chapit la Kopi




Yohane 4:34
21 Referans Kwoze  

efiri sɛ mefiri soro ne aba sɛ hobɛyɔ nea ɔsomaa me he apɛdeɛ, na ɔnyɛ m’ankasa me deɛ.


“M’ankasa mentumi mmɔ me tim nyɔ hwee. Nea mete heaa ne megyina so bu atɛne, na atɛne a mebu he tene, efiri sɛ menhwehwɛ nea m’ankasa mepɛ, na mmom nea ɔsomaa me he apɛdeɛ.


Mawie adwuma a wode ama me sɛ menyɔ he de ahyɛ wo animuonyam asaase so.


Na Yesu gyee nsa he, ɔkaa sɛ, “Mawie!” Osii ne ti ase, na ogyaam.


Na ɔkɔɔ anim kakra he, ɔde n’anim kobutuu fam bɔɔ mpaeɛ sɛ, “M’Agya sɛ obetumi a, ma kuruwaa yi ntwam me ho, nso ɔnyɛ deɛ mepɛ na mmom deɛ wopɛ (ne nyɛ hɔ).”


Nso mewɔ adanseɛ a ɔkyɛne Yohane deɛ he, efiri sɛ nnwuma a m’Agya de ahyɛ me nsa sɛ menyɔ he, nnwuma a meeyɔ heaa di me ho adanseɛ sɛ Agya heaa ne asoma me.


Nso ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Mewɔ aduane bi di a honnim.”


Na Nipa Ba he baa sɛ ɔɔbɛhwehwɛ na wagye bɛ a bɛ ayera.”


nhwɛ, Yesu a ɔyɛ yɛ gyidie farebae na ɔno nso ne ma no wie pɛyɛ, ɔno ne hwɛɛ anigyeɛ a ɔda n’anim he na ɔde boasetɔ huu asennua he ho amaneɛ, na obuu n’ani guu ho aniwuo so. Ne saa nti, waagye n’adwa Nyankopɔn ahennie he nifa.


Nti, meeka akyerɛ ho sɛ, Nyankopɔn abɔfoɔ anigye debɔneyɛni baako a wasakra ho.”


Yei nyinaa mu he mede ayɔ nhwɛsoɔ ama ho sɛ ɔsɛ sɛ yɛyɔ adwuma de boa bɛ a bɛayɛ mmerɛ, na yɛkae Awurade Yesu nsɛm a ɔkaa sɛ, ‘Nhyira ya ma mu sene gyeɛ.’ ”


Na Nyankopɔn paanoo ne nea osiane firi soro ba na ɔma wiase nkwa he.”


Nso Yesu buaa no sɛ, “Ma ɔnyɛ saa, ɔyɛ ma yɛ sɛ yɛhyɛ tenenee nyinaa ma.” Na Yohane penee so maa no.


Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Mmɛ nti ne ɔsɛ sɛ hokyini hwehwɛ me? Nti honnim sɛ otwa sɛ metena m’Agya fie anaa?”


Na nea ɔsomaa me he ka me ho, na onnyae me nko, efiri sɛ meyɔ nea ɔsɔ n’ani daa.”


Yei akyi a Yesu huu sɛ woanya awie nnoɔma nyinaa he (sɛnea ɔbɛyɛ na twerɛ he aba mu nti), ɔkaa sɛ, “Sukɔm de me.”


Na Yesu sɔre ne n’asuafoɔ he dii hyiadane mu panyini he akyi.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite