Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 4:15 - Apam Foforɔ

15 Na baa he ka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, ma me saa nsuo yi bi nnom, na sukɔm anne me bio, na mankɔ so amma ha ammɛsa nsuo.”

Gade chapit la Kopi




Yohane 4:15
11 Referans Kwoze  

Bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, ma yɛ paanoo he bi da biaa.”


efiri sɛ bɛ a bɛbɔ bɛ bra sɛnea honam pɛ he de bɛ adwene si honam fam nnoɔma so, nso bɛ a bɛbɔ bɛ bra Honhom mu he de bɛ adwene si Honhom mu nnoɔma so.


Na bɔne akatua a ne wuo, nso Nyankopɔn adom akyɛdeɛ ne daa nkwa a ɔya Awurade Kristo Yesu mu.


Yesu buaa bɛ sɛ, “Nɔkwasɛm a ɔyam ne sɛ, ɔnyɛ nsɛnkyerɛnne a hohuiɛ nti ne hoohwehwɛ me, na mmom paanoo a hodi meeɛ he nti a.


Na yenim sɛ Nyankopɔn Ba he aba, na waama yɛ nteaseɛ ama yɛahu Nyankopɔn trodoo he. Yɛ abrabɔ ya Nyankopɔn trodoo he ne ne Ba Yesu Kristo he mu. Yei ne Nyankopɔn trodoo he ne nkwa a onni awieeɛ he.


Hobisa nso ho nsa nka, efiri sɛ hobisa no kwammɔne so, sɛdeɛ hode bedi ho honam akɔnnɔ ho dwuma.


Bɛ a Honhom he nni bɛ mu he, bennya Nyankopɔn honhom akyɛdeɛ, efiri sɛ ɔyɛ nkwaseasɛm ma bɛ, na bentumi nte aseɛ efiri sɛ saa akyɛdeɛ he mu nhunumu yɛ honhom mu asɛm.


Na ɔka kyerɛɛ baa he sɛ, “Kɔfrɛ wo kunu, na hommra ha.”


Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Mene nkwa paanoo he. Nea ɔba menkyɛne he kɔm ɔnne no da, na nea ɔgye me di he, sukɔm ɔnne no da.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite