Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 4:14 - Apam Foforɔ

14 na nea ɔbɛbɛnom nsuo a mede bɛma no he, sukɔm ɔnne no da. Na mmom nsuo a mede bɛma no he, bɛyɛ abura a ofifiri ne mu kɔ daa nkwam.”

Gade chapit la Kopi




Yohane 4:14
32 Referans Kwoze  

Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Mene nkwa paanoo he. Nea ɔba menkyɛne he kɔm ɔnne no da, na nea ɔgye me di he, sukɔm ɔnne no da.


Kɔm ɔnne bɛ bio. Awia anaa ahuhuro biaa ɔnnhye bɛ bio,


Na biaa a ɔte ase na ɔgye me di he onwu da. Wogye yei di anaa?”


Yei ne paanoo a osiane firii soro baeɛ a ɔnte sɛ nea ho nananom diiɛ na bewuiɛ he; nea odi paanoo yi bɛtena ase daa.”


Na yenim sɛ Nyankopɔn Ba he aba, na waama yɛ nteaseɛ ama yɛahu Nyankopɔn trodoo he. Yɛ abrabɔ ya Nyankopɔn trodoo he ne ne Ba Yesu Kristo he mu. Yei ne Nyankopɔn trodoo he ne nkwa a onni awieeɛ he.


Afei nso waahyɛ yɛ nsõ, na waama yɛ ne ba he ho nsɛnkyerɛnne a ɔno ne Honhom Kronkron he yɛ akoma mu.


Na bɔne akatua a ne wuo, nso Nyankopɔn adom akyɛdeɛ ne daa nkwa a ɔya Awurade Kristo Yesu mu.


Afei a hoayɔ setie ama nɔkorɛ he de adwira ho kra ho ama hoanya nuadɔ a nyaatwom nni mu he, homfiri ho akoma nyinaa mu nnodɔ ho ho.


Korɔmfoɔ mma, gye sɛ oobewia, adi awu, na waseɛ adeɛ. Na me deɛ, mebaa sɛ hobenya nkwa na hoanya no mmorosoɔ.


Na honnho Nyankopɔn Honhom Kronkron he werɛ, nea bɛde no ahyɛ ho nso ama gyeɛ da he.


Na sɛnea bɔne dii hene wuo mu he, adom so nam tenenee so adi hene afa yɛ Awurade Yesu Kristo so kɔ daa nkwa mu.


Na yeinom befiri hɔ akɔ daa asotwe mu, na ateneneefoɔ he bɛkɔ daa nkwa mu.”


Nhyira ne bɛ a tenenee ho kɔm ne sukɔm de bɛ, efiri sɛ bɛ ne bɛbɛma bɛammee.


Yesu buaa no sɛ, “Sɛ wonim Nyankopɔn akyɛdeɛ ne nea oobisa wo sɛ, ‘Ma me nsuo he bi nnom’ a nka wobebisa no na wama wo nkwa nsuo.”


Na baa he ka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, wonni adeɛ a bɛde sa nsuo mpo, na abura he nso mu dɔ, nti hefa ne woya nkwa nsuo yi firi?


Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Biaa a ɔnom saa nsuo yi bi he, sukɔm bɛde no bio,


Nea otwa he ɔɔgye akatua dada na ɔɔboaboa aba ano akɔ daa nkwam; na nea oduaeɛ ne nea otwaeɛ nyinaa ani agye abom.


Honnyɔ aduane a ɔsɛe ho adwuma, na mmom honyɔ aduane a ɔtena hɔ de kɔ daa nkwam a Nipa Ba he de bɛma ho he ho adwuma, efiri sɛ, ɔno ne Agya Nyankopɔn ankasa de ne nsɔano agye no atom.”


Da a otwa toɔ afahyɛ he mu he, Yesu gyinaa hɔ teaam sɛ, “Nea sukɔm de no he mmra me nkyɛne mɛnom nsuo.


efiri sɛ, Adwamaa he a ɔya ahennwa he mfinimfini he bɛyɛ bɛ dwanhwɛfoɔ de bɛ akɔ nkwa asuti ho. Na Nyankopɔn bɛpopa bɛ aniwa mu nisuo nyinaa.”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite