Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 3:36 - Apam Foforɔ

36 Nea ɔgye ba he di he wɔ daa nkwa, na nea ontie ba he onhu nkwa, na Nyankopɔn abufuo ya ne so.

Gade chapit la Kopi




Yohane 3:36
38 Referans Kwoze  

Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ, nea otie m’asɛm na ɔgye nea ɔsomaa me he di he wɔ daa nkwa, na ɔmma atemmuom, na mmom waafiri wuom aba nkwam.


Na dodoɔ a bɛgyee no he―meekyerɛ, bɛ a bɛgyee no dini diiɛ he―ɔmaa bɛ akwannya sɛ bɛnyɛ Nyankopɔn mma.


efiri sɛ Nyankopɔn anyi yɛ amma n’abufuo, na oyii yɛ sɛ yɛ Awurade Yesu Kristo nti, yemmenya nkwa.


Hommma nnipa biaa mfa nsɛnhunu nnaadaa ho, efiri sɛ saa nnoɔma yi ne de Nyankopɔn abufuo ba asoɔdenfoɔ so.


Nea ɔka ho koraa ne sɛ, seesei bɛde ne mogyaa abu yɛ bem, bɛnam ne so bɛgye yɛ afiri Nyankopɔn abufuo mu.


Meeka nɔkwasɛm paa akyerɛ ho sɛ, biaa a obedi me nsɛm so he, onwu da.”


Mema bɛ daa nkwa, na bɛnyera da. Na biaa ntumi nhwim bɛ mfiri me nsam.


Yesu buaa no sɛ, “Meeka nɔkwasɛm paa akyerɛ wo sɛ, bɛamfiri soro anwo bi a ontumi nnya kyɛfa biaa Nyankopɔn ahennie he mu.”


Nso ahufoɔ ne bɛ a bɛnnye nni ne akyiwadeyɔfoɔ ne awudifoɔ ne adwamanfoɔ ne adutofoɔ ne abosonsomfoɔ ne atorɔfoɔ nyinaa benya bɛ kyɛfa ya tadeɛ a gya ne sɔfe ɔɔdɛre mu he. Yei ne wuprenu he.”


sɛ hootwɛne ne Ba he afiri soro, deɛ onyane no firii awufoɔ mu he, mekyerɛ Yesu a ɔgye yɛ firi abufuo a ɔɔba mu he.


Biaa a ɔde ne ho to mmara nnwuma he so he hyɛ nnome ase; efiri sɛ bɛatwerɛ sɛ, “Nnomee ne nipa biaa a onni nea bɛatwerɛ no mmara nwoma mu he nyinaa so na ɔmfa nni dwuma.”


Nti afei afobuo biaa nni hɔ ma bɛ a bɛya Kristo Yesu mu,


na nnipa nyinaa behu Nyankopɔn nkwagyeɛ he.’ ”


Mmɛ asotwe koraa ne ɔboro so a hosusu sɛ ɔfata sɛ bɛde bɛtwe bɛ a bɛde Nyankopɔn Ba he anim atwitwi fam na bɛabu apam mogyaa a bɛde tee bɛ ho he animtia, na bɛasopa adom Honhom he?


sɛ yɛpo nkwagyeɛ kɛseɛ yi a, nti yebetumi adwane afiri atemmuo mu anaa? Saa asɛm yi ne Awurade firii aseɛ kaeɛ he. Na bɛ a bɛteeɛ he hyɛɛ mu kena maa yɛ,


efiri sɛ mmara he twetwe Nyankopɔn abufuo ba; na sɛ mmara nni hɔ a, mmarato biaa nso nni hɔ.


efiri sɛ m’ani ahu nea wonam so bɛgye nkwa


Na yeinom befiri hɔ akɔ daa asotwe mu, na ateneneefoɔ he bɛkɔ daa nkwa mu.”


Nea ɔbɛgye adi na hobɛbɔ no asu he benya nkwa, na nea wannye anni he bebebu no fɔ.


Nea otwa he ɔɔgye akatua dada na ɔɔboaboa aba ano akɔ daa nkwam; na nea oduaeɛ ne nea otwaeɛ nyinaa ani agye abom.


Yei ne paanoo a osiane firii soro baeɛ a ɔnte sɛ nea ho nananom diiɛ na bewuiɛ he; nea odi paanoo yi bɛtena ase daa.”


Na Yudafoɔ a bɛannye anni he tutu guu amanamane mufoɔ he asom ma benyaa anuanom ho adwemmɔne.


Na ɔnyɛ asoɔdenfoɔ he ho ne ɔkaa ntam sɛ bɛnhyɛne n’ahomegyeɛ mu he?


Nti yɛahu sɛ annyeannie nti ne bɛantumi anhyɛne n’ahomegyeɛ mu.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite