Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 3:34 - Apam Foforɔ

34 Na nea Nyankopɔn asoma no he ka Nyankopɔn asɛm, na Nyankopɔn nsusu Honhom ansa na ɔde ama.

Gade chapit la Kopi




Yohane 3:34
29 Referans Kwoze  

Yesu Nasareni he, Nyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi hyɛɛ no ma, na okyinikyinii asaase he so yɔɔ papa, na ɔsaa bɛ a Bronsam hyɛ bɛ so nyinaa yadeɛ, efiri sɛ na Nyankopɔn ka ne ho.


“Sɛ Kyigyinafoɔ a mɛsoma no afiri Agya he nkyɛne aba ho hɔ he, Nɔkorɛ Honhom a ofiri Agya nkyɛne he nya ba a, ɔno ne bedi me ho adanseɛ.


“Yei ne m’akoa a mayi no, medɔ ba, ɔno ne me kra ani sɔ no. Mehwie me Honhom agu ne so, na wapaem aka atɛntenenee akyerɛ Amanamane mufoɔ.


na Kristo mu ne nyame su nyinaa da adi nipadua mu,


Na sɛnea Agya he wɔ nkwa ɔnoaa ne mu he, saa na ɔde ama Ba he nso sɛ onya nkwa ɔno ankasa ne mu.


“Awurade Honhom ya me so, efiri sɛ wasra me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafoɔ, wasoma me sɛ memmɛka gyeɛ ho asɛm nkyerɛ bɛ a bɛafa bɛ nommum na memma anifirafoɔ nhu adeɛ, sɛ memma bɛ a binom hyɛ bɛ so nya fahodie,


Efiri sɛ ɔsɔɔ Nyankopɔn ani sɛ Nyamesu nyinaa ntena Kristo mu,


efiri sɛ Honhom mu nkwa mmara he ama ho faahodie Kristo Yesu mu afiri bɔne ne wuo mmara he mu.


Na Yesu buaa bɛ sɛ, “Nea me kyerɛkyerɛ he nyɛ me dea, na mmom ɔyɛ nea ɔsomaa me he dea.”


Na Nyankopɔn ansoma ne Ba he amma wiase sɛ ommebu wiase atɛne, na mmom sɛ bɛmfa no so nnye wiase nkwa.


Ɔnam sɛ adom ahyɛ no ma nti, yɛ nyinaa yɛanya adom aka adom ho.


Ewom sɛ me ne ahoteefoɔ he nyinaa mu kumaa koraa, nso bɛde adom yi maa me sɛ memfa so nna asɛm a ɔyɛ Kristo ahonya mu a onni hwehwɛbea he adi nkyerɛ amanamane mufoɔ.


Nea ɔyɛ Nyankopɔn deɛ biaa tie Nyankopɔn asɛm. Nea nti a hontie ne sɛ, ho nyɛ Nyankopɔn deɛ.”


Afei bɔfoɔ he kyerɛɛ me nkwa asubɔntene a ani te krɔgyee sɛ ahwehwɛ a ofiri Nyankopɔn ne Dwammaa he ahennwa so


Nso meeka nɔkorɛ akyerɛ ho sɛ, ɔyɛ ma ho sɛ mɛkɔ, efiri sɛ, sɛ mankɔ a, Kyigyinafoɔ he ɔmma ho nkyɛne. Na sɛ mekɔ a, mɛsoma no ama no aba ho nkyɛne.


Na ɔkɔɔ so kaa sɛ, “Bɛawie! Mene Ahyɛaseɛ ne Awieeɛ, kyerɛ sɛ, mfitiaseɛ ne awieeɛ he. Biaa a sukɔm de no he, mɛma no nsuo a ofiri nkwa asuti mu anom kwa.


nso seesei hopɛ sɛ hoku me, nipa a maaka nɔkorɛ a mete firi Agya he nkyɛne akyerɛ ho he. Nso Abraham deɛ wanyɔ saa adeɛ yi.


de besi da a ɔnam Honhom Kronkron so maa asomafoɔ a oyii bɛ he ahyɛdeɛ, na ɔno akyi he bɛfaa no kɔɔ soro.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite