Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 3:27 - Apam Foforɔ

27 Yohane buaa sɛ, “Nipa ntumi nya bibi gye sɛ bɛde firi soro ama no.

Gade chapit la Kopi




Yohane 3:27
27 Referans Kwoze  

Akyɛdeɛ pa ne nnoɔma a ɔyɛ pɛ nyinaa firi soro, ofiri hann Agya he hɔ ne ba. Ɔno ne nsakraeɛ anaa adanedaneɛ sunsum biaa nni ne mu.


Na hwane ne hu bibi sononko ya ho mu? Ɛɛne ne wowɔ a wo nsa anka? Na sɛ wo nsa kaeɛ a, mmɛ nti ne hoahoa woho te sɛ ɔnyɛ akyɛdeɛ?


Nso Nyankopɔn adom nti ne mete sɛdeɛ meteɛ yi, na n’adom a ɔya me so he nyɛ kwa. Mmom meyɛ adwuma sene bɛ nyinaa— ɔyam sɛ na ɔnyɛ me deɛ, na mmom sɛdeɛ Nyankopɔn adom a ɔte me mu he teɛ.


ɔmaa baako sika dwetire mmɔho nnum, na foforɔ so mmɔho mmienu na foforɔ so baako, sɛdeɛ biaa ahoɔdene teɛ. Na ɔkɔɔ ne kwane.


Yei nti ne beyii me sɛ sɛnkafoɔ ne somafoɔ (meeka nɔkorɛ; menni torɔ), amanamane mufoɔ kyerɛkyerɛni gyidie ne nɔkorɛ mu.


Na Yohane asubɔ he firi soro, anaa ofiri nnipa?” Na besusuu ho sɛ, “Sɛ yɛka sɛ, ‘Ofiri soro’ a, obebisa yɛ sɛ, ‘Mmɛ nti ne hoannye no anni?’


Yɛwɔ adom akyɛdeɛ a nsonsonoeɛ deda mu, sɛnea adom a bɛde adom yɛ he teɛ. Sɛ ɔyɛ nkɔmhyɛ a, ma no mfata sɛnea bɛasusu ho gyidie;


Ɔte sɛ beema bi a ootu kwane, na oofiri fie he, ɔde ne nkoa sisii nnwuma ahodoɔ ano, na ɔhyɛɛ ponohwɛfoɔ sɛ ɔnwɛne.


Paulo a ɔnam Nyankopɔn pɛ so yɛ Kristo Yesu somafoɔ; twerɛ krataa yi de kɔma ahoteefoɔ a bɛya Efeso na bɛyɛ Kristo Yesu mu agyidifoɔ nyinaa:


Me Paulo a meyɛ somafoɔ a ɔnyɛ nipa ne yii me, na afei nso bɛamfa amfa nipa bi so ne yii me, na mmom Yesu Kristo ne Agya Nyankopɔn a ɔnyanee Kristo firii awufoɔ mu he ne yii me,


Na yeinom nyinaa Honhom korɔ he a ne yɔ, na ɔkyekyɛ ma biaa sɛdeɛ ɔpɛ.


Na Apolo ne hwane? Paulo [nso] ne hwane? Bɛyɛ asomfo a honam bɛ so bɛgye diiɛ, sɛnea Awurade de maa biaa.


Ɔno so ne yɛnam anya adom ne somafodwuma sɛ yɛde setie mu gyidie ɔɔbra Amanamane mufoɔ nyinaa ne dini nti,


Paulo, Kristo Yesu somafoɔ a bɛnam Nyankopɔn pɛ so afrɛ no, ɔne yɛ nua Sostene,


Na ɔkaa sɛ, “Yei nti ne meka kyerɛ ho sɛ biaa ntumi mma me nkyɛne gye sɛ Agya he ama no kwane.”


Na nnipa bebree baa ne nkyɛne, na ɔkaa sɛ, “Yohane anyɔ nsɛnkyerɛnne baako pɛ mpo, nso nea Yohane ka faa saa nipa yi ho he nyinaa yɛ nɔkorɛ.”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite