Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 3:18 - Apam Foforɔ

18 Nea ɔgye Nyankopɔn Ba he di he, bemmu no atɛne, na nea ɔnnye no nni he, bɛabu no atɛne dada efiri sɛ wannye Nyankopɔn Ba koro pɛ he anni.

Gade chapit la Kopi




Yohane 3:18
19 Referans Kwoze  

Nti biaa a ɔgye Nyankopɔn Ba he di he wɔ saa adanseɛ yi ya n’akoma mu. Na nea ɔnnye Nyankopɔn nni he ama Nyankopɔn ayɛ torɔfoɔ, efiri sɛ, wannye adanseɛ a Nyankopɔn di faa ne Ba he ho he anni.


Nea ɔbɛgye adi na hobɛbɔ no asu he benya nkwa, na nea wannye anni he bebebu no fɔ.


Nti afei afobuo biaa nni hɔ ma bɛ a bɛya Kristo Yesu mu,


Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ, nea otie m’asɛm na ɔgye nea ɔsomaa me he di he wɔ daa nkwa, na ɔmma atemmuom, na mmom waafiri wuom aba nkwam.


Biaa a ɔwɔ Ba he wɔ saa nkwa he, na biaa a onni Ba he nni nkwa he.


Nea ɔgye ba he di he wɔ daa nkwa, na nea ontie ba he onhu nkwa, na Nyankopɔn abufuo ya ne so.


Afei ɔnam sɛ bɛabu yɛ bem gyidie mu nti, yɛnam yɛ Awurade Yesu Kristo so anya asomdwie Nyankopɔn mu,


Kwane a Nyankopɔn nam so daa ne dɔ adi kyerɛɛ yɛ ne sɛ: Ɔsomaa ne Ba koro he baa wiase, sɛnea yɛbɛfa ne so anya nkwa.


Hwane ne ɔsɛ sɛ obu atɛne? Kristo Yesu ne nea obu atɛne, nea owuiɛ, na benyanee no, nea ɔte Nyankopɔn nsa nifa, nea odi ma yɛ nɔkorem he.


Nso bɛatwerɛ yei ato hɔ na ama hoagye adi sɛ Yesu ne Kristo he, Nyankopɔn Ba, na hogye di a, hoanya nkwa ne dini mu.


Meeka akyerɛ ho nɔkorem sɛ, biaa a ɔgye di he benya daa nkwa.


Na m’Agya apɛdeɛ ne sɛ biaa a ohu Ba he na ɔgye no di he benya daa nkwa, na menyane no da a odi akyi he.”


Biaa nni hɔ a wahu Nyankopɔn da. Nyankopɔn a ɔyɛ Ba koro he, nea ɔya Agya he kokom he, ɔno ne wada no adi.


sɛ yɛpo nkwagyeɛ kɛseɛ yi a, nti yebetumi adwane afiri atemmuo mu anaa? Saa asɛm yi ne Awurade firii aseɛ kaeɛ he. Na bɛ a bɛteeɛ he hyɛɛ mu kena maa yɛ,


Honhwɛ yie na hoampo deɛ ɔɔkasa he; na sɛ bɛ a bɛpoo kɔkɔbɔ a bɛte firii asaase yi so he antumi annwane a, ɔbɛyɛ dɛ ne yɛ a yɛate kɔkɔbɔ a ofiri soro he betumi adwane?


Na dodoɔ a bɛgyee no he―meekyerɛ, bɛ a bɛgyee no dini diiɛ he―ɔmaa bɛ akwannya sɛ bɛnyɛ Nyankopɔn mma.


Na sɛnea Nyankopɔn dɔɔ wiase di, sɛ ɔde ne Ba ɔwoo no koro he maeɛ, na biaa a ɔbɛgye no adi he anyera, na mmom wanya daa nkwa.


Nti yɛahu sɛ annyeannie nti ne bɛantumi anhyɛne n’ahomegyeɛ mu.


Na yei ne n’ahyɛdeɛ, sɛ yɛnnye ne Ba Yesu Kristo dini he nni, na yɛnnodɔ yɛ ho yɛ ho, sɛnea ɔhyɛɛ yɛ he.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite