12 Sɛ maaka asaase so nsɛm akyerɛ ho na honnye nni a, ɔbɛyɛ dɛ na meka soro nsɛm kyerɛ ho a hoagye adi?
Yɛwɔ nsɛm pii ka fa yei ho, nso ɔnam sɛ ho yɛ nyaa nteaseɛ mu nti ɔdene ma yɛ sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ mu.
Mframa bɔ kɔ baabi a ɔpɛ, na hote sɛ ɔɔbɔ, nso honnim baabi a ofiri ne baabi a ɔɔkɔ. Saa ne bi a bɛawo no honhom mu he teɛ.”
Yesu buaa sɛ, “Nɔkorɛ meeka akyerɛ wo sɛ, bɛamfa nsuo ne honhom anwo bi a ontumi nkɔ Nyankopɔn ahennie mu.
Yei mu ne dɔ he ya, ɔnyɛ sɛ yɛ ne yɛdɔɔ Nyankopɔn, na mmom ɔno ne dɔɔ yɛ na ɔnam so somaa ne Ba sɛ ɔmmɛyɛ yɛ bɔne ho mpatadeɛ.
Akyinnye nni ho sɛ yɛ som yi mu ahintasɛm he so: Beyii no kyerɛ honam mu, bebuu no bem honhom mu, abɔfoɔ huu no, bɛpaee mu ka ne ho asɛm amanamane mu, bɛgyee no diiɛ wiase, bɛfaa no kɔ soro animuonyam mu.
Yesu buaa no sɛ, “Meeka nɔkwasɛm paa akyerɛ wo sɛ, bɛamfiri soro anwo bi a ontumi nnya kyɛfa biaa Nyankopɔn ahennie he mu.”
Meeka akyerɛ wo nɔkorem paa sɛ, “Nea yenim ne yɛka, na nea yɛani ahu ne yedi ho adanseɛ, nso honnye yɛ adanseɛ he nni.