Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 21:18 - Apam Foforɔ

18 Nɔkwasɛm paa ne sɛ, woyɛ abranteɛ he na wode abɔsoɔ bɔ wo mu nante kɔ baabiaa a w’ankasa wopɛ. Nso sɛ wobɔ akɔkora a, wobɛtene wo nsa na bi de abɔsoɔ abɔ wo mu, na ɔde wo akɔ baabi a wompɛ sɛ wokɔ.

Gade chapit la Kopi




Yohane 21:18
8 Referans Kwoze  

Simon Petro bisaa no sɛ, “Awurade, hefa ne wookɔ?” Yesu buaa sɛ, “Baabi a meekɔ he wontumi nni m’akyi seesei, nso akyire yi wobedi m’akyi aba hɔ.”


Ɔbaa yɛ nkyɛne; na ɔfaa Paulo aboomu de kyekyeree ne nane ne ne nsa. Na ɔkaa sɛ, “Nea Honhom Kronkron ɔɔka di, ‘Sei ne Yudafoɔ a bɛya Yerusalem bɛkyekyere aboomu yi wura, na bɛde no ama Amanamane mufoɔ.’ ”


Na mmerɛ a yɛda so ya saa ntomadane yi mu yi, yɛ ahokyerɛ mu ne yesi apinie, efiri sɛ yɛmpɛ sɛ yeyi gu hɔ, na mmom yɛpɛ sɛ yɛhyɛ baako he ka ho sɛ ɔbɛyɛ a nkwa bɛmene wuo he.


Nhyira ne nkoa a bɛ wura he bɛba abehu bɛ sɛ begu so ɔɔwɛne! Nɔkorɛ, meeka akyerɛ ho sɛ, ɔbɛbɔ n’abɔsoɔ, na wama bɛatenatena didipono ho na waba abɛsom bɛ.


Obisaa no mprɛnsa so sɛ, “Simon, Yohane ba, wodɔ me anaa?” Petro werɛ hoo sɛ oobisa no mprɛnsa so sɛ “wodɔ me?” Na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, wonim bibiaa, wonim sɛ medɔ wo.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Nyɛne me nnwane he.”


(Ɔkaa yei de kyerɛɛ wuo korɔ a obewu de ahyɛ Nyankopɔn animuonyam.) Yei akyi he ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Di m’akyi.”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite