Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 20:22 - Apam Foforɔ

22 Ɔkaa yei wieeɛ he, ɔhome guu bɛ so, kaa sɛ, “Honye Honhom Kronkron.

Gade chapit la Kopi




Yohane 20:22
17 Referans Kwoze  

Na obisaa bɛ sɛ, “Berɛ a hogye diiɛ he honyaa Honhom Kronkron anaa?” Bebuaa sɛ, “Daabi, yɛntee da mpo sɛ Honhom Kronkron bi ya baabi.”


Bɛ mmienu he kɔbɔɔ mpaeɛ maa bɛ sɛ bɛ benya Honhom Kronkron he


Afei Petro ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honsakra ho adwene, na ho nyinaa homma bɛmmɔ ho asu Yesu Kristo dini mu, na hoanya bɔne fakyɛ, na hobenya akyɛdeɛ a ɔyɛ Honhom Kronkron he.


Na Honhom Kronkron bɛhyɛɛ bɛ nyinaa ma ma, na befiri aseɛ sɛ kaa kasa foforɔ, sɛnea Honhom he de maa bɛ sɛ bɛnka.


Nso ɔkaa yei faa Honhom a na bɛ a bɛbɛgye no adi he benya he ho, saa berɛ he na Honhom he nnya mmaeɛ, efiri sɛ na bennya nhyɛɛ Yesu animuonyam.


Adeɛ baako pɛ ne mepɛ sɛ mehu firi ho hɔ, ɔne sɛ: ɔnam honam mmara nwuma so ne honyaa Honhom he anaa ɔnam asɛm a hoteeɛ na hogye diiɛ so?


Na Petro a Honhom Kronkron he ahyɛ no ma he kaa sɛ, “Mane atumfoɔ ne mpanyimfoɔ,


“Hwane ne betumi asi yeinom a bɛanya Honhom Kronkron sɛ yɛaa yi ho kwane sɛ yɛmfa nsuo mmɔ bɛ asu?”


“Sɛ Kyigyinafoɔ a mɛsoma no afiri Agya he nkyɛne aba ho hɔ he, Nɔkorɛ Honhom a ofiri Agya nkyɛne he nya ba a, ɔno ne bedi me ho adanseɛ.


Na m’ankasa mebisa Agya he na wama ho Kyigyinafoɔ foforɔ, na ɔne ho abɛtena daa,


Nso meeka nɔkorɛ akyerɛ ho sɛ, ɔyɛ ma ho sɛ mɛkɔ, efiri sɛ, sɛ mankɔ a, Kyigyinafoɔ he ɔmma ho nkyɛne. Na sɛ mekɔ a, mɛsoma no ama no aba ho nkyɛne.


Na Yesu sane ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Asomdwie nka ho! Sɛnea Agya he asoma me he, saa are ne me nso meesoma ho.”


Na biaa a hode ne bɔne bɛkyɛ no he, na bɛde akyɛ no dada. Na biaa a hoammfa ne bɔne akyɛ no he, bɛmmfa nkyɛɛ no.”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite