Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 20:19 - Apam Foforɔ

19 Na saa da he yɛ nnawɔtwe he da a odi kane. Na nwunu dwoeɛ he, ewom sɛ na Yudafoɔ ho hu nti asuafoɔ he atoto apono mu baabi a na bɛya he deɛ, nso Yesu ba begyinaa bɛ mfimfini, na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Asomdwie nka ho!”

Gade chapit la Kopi




Yohane 20:19
27 Referans Kwoze  

Ne nnawɔtwe akyi he, na asuafoɔ he ya dane mu bio a na Toma nso ka ho. Ewom sɛ na bɛatoto apono he mu deɛ, nso Yesu ba begyinaa bɛ mfinfini, na ɔkaa sɛ, “Asomdwie nka ho!”


Asomdwie ne mede oogya ho, m’asomdwie ne mede ɔɔma ho, nyɛ sɛnea wiase de ma ho he ne mede ɔɔma ho. Hommma ho akoma ntutu, na hommɔ hu nso.


Na Yesu sane ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Asomdwie nka ho! Sɛnea Agya he asoma me he, saa are ne me nso meesoma ho.”


Na ɔyɛ yɛ asomdwie; ɔnam ne honam so aka nnipakuo mmienu he abom ayɛ yɛ baako na wabubu nitane a ɔte sɛ afasuo he afiri hɔ.


Na ɔno asomdwie Awurade he mma ho asomdwie adeɛ nyinaa mu daa. Awurade nka ho nyinaa ho.


Nso, Yudafoɔ he ho hu nti, biaa anyi n’anim anka ne ho asɛm.


Akyire yi oyii ne ho kyerɛɛ dubaako he berɛ a na bɛte adidi pono ho, na ɔkaa bɛ anim ɔnam gye a bɛannye anni ne bakoma dene nti, efiri sɛ bɛannye bɛ a bɛka kyerɛɛ bɛ sɛ waasɔre he anni.


Nsɛm a Yohane de kɔmaa asafo ahodoɔ nson a na bɛya Asia he di: Adom mmra ho so. Afei nso, asomdwie a ofiri nea ɔya hɔ, seesei, na ɔya hɔ firi tetentredee, na ɔya hɔ daa he, ne ahonhom nson a ɔya n’ahennwa anim,


na oyii ne ho adi kyerɛɛ Kefa, ɔne dummienu he.


Maaka yeinom nyinaa akyerɛ ho sɛ ɔbɛyɛ a hobenya asomdwie me mu. Hobehyia taa wiase mu. Nso homma ho bo ntɔ ho yam; na maadi wiase so nkunim dada!


ɔno ne Abraham maa no nnoɔma nyinaa so ntotosoɔ du du. Melkisedek dini he asekyerɛ a odi kane ne sɛ, “tenenee hene”; afei nso ɔyɛ Salem hene a ne nkyerɛaseɛ ne “asomdwie hene.”


Adom ne asomdwie a ofiri yɛ Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo hɔ nka ho.


Asomdwie ne dɔ a gyidie ka ho a ofiri Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka anuanom nyinaa.


Asomdwie Nyankopɔn he ne ho nyinaa ntena. Amen.


Ho nso, seesei deɛ howɔ awerɛhoɔ mu, nso mehu ho bio he, na ho ani agye ho akoma mu, na biaa ntumi nnye ho anigyeɛ he mfiri ho nsam.


Baabi a nnipa mmienu anaa mmeɛnsa ahyia me dini mu he, na meka bɛ ho.”


Sɛ fie hɔfoɔ gye ho a, homma ho asomdwie mmra bɛ so; na sɛ bɛannye ho a, homma ho asomdwie nsane mmra ho nkyɛne.


Yei akyi he, Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ asuafoɔ he bio Tiberia po ho. Na oyii ne ho adi saa kwane yi so.


Yei ne ne mprɛnsa so a Yesu nyane firii awufoɔ mu he, oyii ne ho adi kyerɛɛ asuafoɔ he.


N’amanehunu akyi he, ɔnam adanseɛ pii so yii ne ho adi kyerɛɛ bɛ sɛ ɔte ase maa behuu no adaduannan ntam. Na ɔkaa Nyankopɔn ahennie he ho asɛm.


Na mewɔ anidasoɔ sɛ ɔnkyɛre biaa mehu ho ne ho atena ase akasa.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite