Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 2:22 - Apam Foforɔ

22 Ɔsɔre firii awufoɔ mu he, n’asuafoɔ he kae sɛ na ɔtaa ka saa; na bɛgyee twerɛsɛm he ne asɛm a Yesu kaeɛ he diiɛ.

Gade chapit la Kopi




Yohane 2:22
13 Referans Kwoze  

Nso n’asuafoɔ he ante yeinom ase saa berɛ he; na Nyankopɔn hyɛɛ Yesu animuonyam akyi he ne bɛkae sɛ bɛatwerɛ yeinom afa ne ho, na bɛayɔ nea bɛatwerɛ he nyinaa ama no.


Na maaka yei nyinaa akyerɛ ho na saa berɛ he duru a, hoakae sɛ maaka akyerɛ ho dada. “Na manka saa nsɛm yi ankyerɛ ho mfitiaseɛ he, efiri sɛ na meya ho nkyɛne.


Na Kyigyinafoɔ a ɔno ne Honhom Kronkron a m’Agya bɛsoma no me dini mu he, ɔno ne bɛkyerɛkyerɛ ho nnoɔma nyinaa na ɔbɛkae ho nea maka akyerɛ ho nyinaa.


Na n’asuafoɔ he kae sɛ bɛatwerɛ sɛ, “Wofie ho mmɔdenmmɔ bɛhyɛ me ma.”


Na mekae Awurade asɛm he, sɛnea na ɔtaa ka sɛ, ‘Yohane deɛ, ɔde nsuo ne bɔɔ asu, nso ho deɛ bɛde Honhom kronkron ne bɛbɔ ho asu.’


Yesu yɔɔ yei Kana a ɔya Galilea. Yei ne nsɛnkyerɛnne a odi kane, na ɔdaa n’animuonyam adi; na n’asuafoɔ he gyee no diiɛ.


Afei ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Yei ne me nsɛm a meka kyerɛɛ ho berɛ a na meda so ka ho ho he, sɛ otwa sɛ nea bɛatwerɛ afa me ho ya Mose mmara ne Adiyifoɔ he ne Nnwom he mu nyinaa ba mu.”


Nti na ɔnsɛ sɛ Kristo he hu amaneɛ yi nyinaa na ɔkɔ n’Animuonyam mu anaa?”


Na bɛtoo nsa frɛɛ Yesu ne n’asuafoɔ he nso sɛ bɛmmra ayefohyia he ase.


sɛ Nyankopɔn ama aba mu koraa ama yɛ a yɛyɛ bɛ mma he, efiri sɛ wanyane Yesu, sɛnea bɛatwerɛ ya Dwom a ɔtɔ so mmienu he mu sɛ, ‘Woyɛ me ba, nnɛ maayɛ w’Agya.’


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite