Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 19:9 - Apam Foforɔ

9 Ɔkɔɔ n’abane mu bio, na obisaa Yesu sɛ, “Wofiri he?” Na Yesu ammua no.

Gade chapit la Kopi




Yohane 19:9
18 Referans Kwoze  

Nti Pilato kɔɔ amrado abane he mu hɔ bio, na ɔfrɛɛ Yesu bisaa no sɛ, “Wo ne Yudafoɔ hene he?”


na ho atamfoɔ antumi anhunahuna ho bibiaa mu. Na bɛ deɛ, yei yɛ bɛ sɛeɛ ho nsɛnkyerɛnne pefee, na ho deɛ, ɔyɛ ho nkwagyeɛ ho nsɛnkyerɛnne. Na yei deɛ ɔyɛ Nyankopɔn nsa ano adwuma,


Yesu buaa sɛ, “Mpo sɛ medi meaa me ho adanseɛ a, m’adanseɛ he yɛ nɔkorɛ, efiri sɛ, menim baabi a mefiri baeɛ ne baabi a meekɔ. Na ho deɛ honnim baabi a mefiri ne baabi a meekɔ.


Nso Yesu yɔɔ komm. Afei sɔfo panyini he ka kyerɛɛ no sɛ, “Meka Nyankopɔn teasefoɔ he ntam gu wo so sɛ, sɛ wo ne Kristo, Nyankopɔn Ba he a, ka kyerɛ yɛ!”


Pilato bisaa no sɛ, “Nti woyɛ hene?” Yesu buaa sɛ, “Wone wooka sɛ meyɛ hene. Me deɛ yei nti ne bɛwoo me, na mebaa wiase sɛ meebedi nɔkorɛ he ho adanseɛ. Biaa a ofiri nɔkorɛ he tie me nne.”


Afei amrado asraafoɔ he faa Yesu kɔɔ amrado he abane mu, na bɛboaboa kuo he nyinaa ano twaa ne ho hyiaeɛ.


Afei ofirii aseɛ bisaa no nsɛm bebree; nso Yesu ammua no.


Na bɛde Yesu firii Kaiafa hɔ kɔɔ amrado Pilato abane mu. Na ɔyɛ anɔpatutuutu. Na Yudafoɔ he ankasa ankɔ amrado abane he mu sɛnea ɔbɛyɛ a bengu bɛ ho fi na bɛatumi adi Twam he bi.


Yesu buaa sɛ, “W’ankasa na woabɔ wo tim ɔɔka yei anaa nipa bi ne kaa me ho asɛm kyerɛɛ wo?”


Afei berɛ a Pilato tee yei he, osuroo paa.


Na Pilato ka kyerɛɛ no sɛ, “Wommua me? Wonnim sɛ mewɔ tumi sɛ megyae wo anaa mebɔ wo asennua mu?”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite