Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 19:11 - Apam Foforɔ

11 Yesu buaa sɛ, “Sɛ bɛamfa amfiri soro amma wo a wonnya me so tumi biaa. Ɔno nti nea oyii me maa wo he bɔne so paa.”

Gade chapit la Kopi




Yohane 19:11
37 Referans Kwoze  

Homma nnipa nyinaa mmrɛbrɛ bɛ ho ase nhyɛ mane mpanyimfoɔ tumi he ase; efiri sɛ Nyankopɔn ne ma nnipa tumi ma ɔde di dwuma, na Nyankopɔn ne de saa tumidie he sii hɔ.


Yohane buaa sɛ, “Nipa ntumi nya bibi gye sɛ bɛde firi soro ama no.


ɔnoaa ne ɔnam Nyankopɔn nhyehyɛeɛ ne ne nim a onim dada so yii no maeɛ he, na hofaa no, nam bɛ a benni mmara nsa so bɔɔ no asennua mu kuu no.


Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakobo Nyankopɔn, yɛ nananom Nyankopɔn ahyɛ n’akoa Yesu animuonyam, nea ho deɛ, hoyii no maeɛ, na hopaa no Pilato anim, berɛ a Pilato sii gyinaeɛ sɛ obegyaa no he.


Nti bɛhwehwɛɛ kwane a bɛbɛfa so akye no nso biaa amfa ne nsa anka no, efiri sɛ na berɛ he nnuruiɛ.


Akyɛdeɛ pa ne nnoɔma a ɔyɛ pɛ nyinaa firi soro, ofiri hann Agya he hɔ ne ba. Ɔno ne nsakraeɛ anaa adanedaneɛ sunsum biaa nni ne mu.


Na nnyae yɛ mma yɛnnkɔ nsɔhwɛ mu, na mmom gye yɛ firi bɔnefoɔ he nsam. [Efiri sɛ ɔyɛ wo ne ahennie ne tumi ne animuonyam yɛ wo dea daa, Amen!]


Nti nipa biaa a onim deɛ ɔyɛ na wannyɔ he, ɔyɛ bɔne mma no.


Biaa nni hɔ efiri sɛ, nnoɔma nyinaa firi ne mu, na ɔnam ne so, na ɔyɛ ne dea. Ɔno ne animuonyam nka no daa daa. Amen.


sɛ ɔmmɛyɔ nea wo nsa ne wo agyina ahyɛ ato hɔ sɛ ɔbɛba he.


Bɛkyekyere no, na befirii adi de no kɔhyɛɛ Pilato a na ɔyɛ amrado he nsa.


Afei na deɛ oobeyi no ama he akyerɛ bɛ nsɛnkyerɛnne bi sɛ, “Deɛ mɛfe n’ano he, ɔno a, honnkye no, mfa no mfiri hɔ nkɔ, honhwɛ yie na wammfiri ho nsa.”


Nti Yuda de asrafokuo ne awɛmfoɔ a befiri asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne Farisifoɔ he nkyɛne baa hɔ a na bekitakita ntanii ne nkanea ne akodeɛ.


Na Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Sɛ honyɛ anifirafoɔ a nka bɔne nni ho ho. Na afei ho dɛ, ‘Yehu adeɛ.’ Ho bɔne he aka hɔ.”


Berɛ a na me ne ho ya asɔrefie hɔ daa he, hoantene ho nsa me so. Nso yei ne ho berɛ ne sum mu tumi.”


Na afei sɔfo panyini he sunsuanee n’ataadeɛ mu kaa sɛ, “Woaka abususɛm! Ɛɛne nti ne yɛda so hia adansefoɔ? Afei hoate n’abususɛm he.


Bedii kane de no kɔɔ Anas hɔ. Na Anas yɛ Kaiafa a na ɔyɛ sɔfopanyini saa afe he ase.


Na Pilato ka kyerɛɛ no sɛ, “Wommua me? Wonnim sɛ mewɔ tumi sɛ megyae wo anaa mebɔ wo asennua mu?”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite