Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 18:8 - Apam Foforɔ

8 Yesu buaa sɛ, “Maka akyerɛ ho sɛ ɔyɛ me a.” Nti sɛ me ne hoohwehwɛ me deɛ a, homma saa mmeema yi nkɔ!

Gade chapit la Kopi




Yohane 18:8
13 Referans Kwoze  

Homfa ho dadwene ne ho haw nyinaa nto ne so, efiri sɛ, ɔdwene ho ho.


Kununom, honnɔ ho yerɛnom, sɛnea Kristo nso dɔɔ asafo he na ɔde ne ho too hɔ maa asafo he,


nso ɔka kyerɛɛ me sɛ, “M’adom dɔɔso ma wo, na metumi wie pɛyɛ ya mmerɛyɛ mu.” Nti mede anigyeɛ bebree bɛhoahoa me ho mmom, na Kristo ahoɔdene abɛtena me so.


Nsɔhwɛ biaa nni hɔ a ato ho a bi ntoo nipa bi da. Na Nyankopɔn yɛ nɔkwafoɔ; na ɔmma bɛnsɔ ho nhwɛ ntra deɛ hobetumi, na mmom ho sɔhwɛ berɛ mu he obebie kwane ama ho, ama hoatumi agyina.


Berɛ he ɔɔba, na anya aba awie sɛ ho nyinaa hobɛhwete akɔ ho nkurom, na hoagya me nkoaa. Nso ɔnka me nkoaa efiri sɛ Agya he ka me ho.


Simon Petro bisaa no sɛ, “Awurade, hefa ne wookɔ?” Yesu buaa sɛ, “Baabi a meekɔ he wontumi nni m’akyi seesei, nso akyire yi wobedi m’akyi aba hɔ.”


Na afei Twam afahyɛ he oobeduru he, na Yesu nim sɛ berɛ he aduru sɛ oobefiri wiase akɔ Agya he nkyɛne. Na ɔdɔɔ ɔnoaa ne deɛ a na bɛya wiase he, na ɔdɔɔ bɛ de kosii awieeɛ.


Mema bɛ daa nkwa, na bɛnyera da. Na biaa ntumi nhwim bɛ mfiri me nsam.


Nso yei nyinaa asi, sɛ ɔbɛyɛ a adiyifoɔ he atwerɛ he bɛba mu.” Afei asuafoɔ he nyinaa gyaa no hɔ dwaneeɛ.


Na obisaa bɛ bio sɛ, “Hwane ne hoohwehwɛ no?” Na bɛkaa sɛ, “Yesu, Nasareni he a.”


Yei maa asɛm a bɛkaeɛ he baam sɛ, “Mamma bɛ a wode bɛ maa me he mu baako koraa anyera.”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite