Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 18:4 - Apam Foforɔ

4 Afei, Yesu a na onim nea ɔbɛto no nyinaa he, pinii anim na obisaa bɛ sɛ, “Hwane ne hoohwehwɛ no?”

Gade chapit la Kopi




Yohane 18:4
27 Referans Kwoze  

Na afei Twam afahyɛ he oobeduru he, na Yesu nim sɛ berɛ he aduru sɛ oobefiri wiase akɔ Agya he nkyɛne. Na ɔdɔɔ ɔnoaa ne deɛ a na bɛya wiase he, na ɔdɔɔ bɛ de kosii awieeɛ.


Na obisaa bɛ bio sɛ, “Hwane ne hoohwehwɛ no?” Na bɛkaa sɛ, “Yesu, Nasareni he a.”


Woama mahu nkwa kwane; esiane sɛ wo ne me ya hɔ nti, m’anigyeɛ awie pɛyɛ.’


Yei akyi a Yesu huu sɛ woanya awie nnoɔma nyinaa he (sɛnea ɔbɛyɛ na twerɛ he aba mu nti), ɔkaa sɛ, “Sukɔm de me.”


Na onim nipa korɔ a obeyi no ama he, nti ne ɔkaa sɛ “Ɔnyɛ ho nyinaa ne ho ho afiri he.”


Nso ho mu binom nnye nni.” Na ofiri mfitiaseɛ he na Yesu nnim bɛ a bɛnnye nni ne nea obeyi no ama he.


Afei ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Yei ne me nsɛm a meka kyerɛɛ ho berɛ a na meda so ka ho ho he, sɛ otwa sɛ nea bɛatwerɛ afa me ho ya Mose mmara ne Adiyifoɔ he ne Nnwom he mu nyinaa ba mu.”


Afei Yesu ka kyerɛɛ asuafoɔ he sɛ, “Anadwo yi, deɛ ɔbɛba me so he bɛto ho nyinaa sintidua; efiri sɛ bɛatwerɛ sɛ, ‘Mɛbɔ dwanhwɛfoɔ he, na nnwane he bɛhwete.’


na beedidi he, ɔkaa sɛ, “Meeka akyerɛ ho nɔkorɛ mu sɛ, ho mu baako beyi me ama.”


“Honim sɛ, aaka nnanu na Twam afahyɛ he aduru, na bebeyi Nipa Ba he ama, na bɛabɔ no asennua mu.”


Ofiri saa mmerɛ he ɔɔkɔ he, Yesu firii aseɛ kyerɛɛ n’asuafoɔ he sɛ ɔsɛ sɛ ɔkɔ Yerusalem na okohu amane, mpanyimfoɔ ne asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne atwerɛfoɔ nsam na beku no, na ne nnansa so he ɔsɔre.


Esiane sɛ Kristo huu amane ne honam mu nti, ho nso homfa adwene korɔ heaa bi mfa nhyɛ ho ho dene. Efiri sɛ, biaa a ohu amane honam mu he ne bɔne nni bibiaa yɔ.


Bebuaa no sɛ, “Yesu, Nasareni he.” Yesu buaa bɛ sɛ, “Ɔyɛ me a.” Saa berɛ he na Yuda a oyii no maeɛ he ne bɛ ne gyina hɔ.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite