15 Na Simon Petro ne suani foforɔ bi dii Yesu akyi. Saa suani he yɛ bi a na sɔfopanyini he nim no, na ɔne Yesu kɔɔ sɔfopanyini he abane mu hɔ,
Afei bɛkyee Yesu de no kɔeɛ, na bɛde no kɔɔ sɔfo panyini he fie, na Petro di bɛ akyi ya akyirikyiri.
Na Petro dii n’akyi akyirikyiri koduruu sɔfo panyini he adi hɔ; na ɔne abammɔfoɔ he tenaa gya ho toeɛ.
Afei asɔfoɔ mpanyimfoɔ he ne nnipa he so mpanyimfoɔ he hyiaam sɔfo panyini a bɛfrɛ no Kaiafa fie hɔ,
Na Anas maa bɛkyekyeree Yesu de no kɔmaa sɔfopanyini Kaiafa.
Na bɛde Yesu firii Kaiafa hɔ kɔɔ amrado Pilato abane mu. Na ɔyɛ anɔpatutuutu. Na Yudafoɔ he ankasa ankɔ amrado abane he mu sɛnea ɔbɛyɛ a bengu bɛ ho fi na bɛatumi adi Twam he bi.