Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 18:11 - Apam Foforɔ

11 Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Fa sekane he hyɛ bɔha he mu. Nti ɔnsɛ sɛ mennom kuruwa a Agya he de ama me he anaa?”

Gade chapit la Kopi




Yohane 18:11
22 Referans Kwoze  

Na ɔkɔɔ anim kakra he, ɔde n’anim kobutuu fam bɔɔ mpaeɛ sɛ, “M’Agya sɛ obetumi a, ma kuruwaa yi ntwam me ho, nso ɔnyɛ deɛ mepɛ na mmom deɛ wopɛ (ne nyɛ hɔ).”


Nso Yesu buaa sɛ, “Wonnim deɛ woobisa he. Hobetumi anom kuruwaa a mɛnom he bi?” Bebuaa sɛ, “Yebetumi.”


Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Mfa wo nsa nka me, efiri sɛ menya nkɔɔ soro, m’Agya nkyɛne. Na kɔ me nuanom nkyɛne kɔka kyerɛ bɛ sɛ, ‘Meekɔ soro, m’Agya ne ho Agya ne me Nyankopɔn ne ho Nyankopɔn nkyɛne.’ ”


Sɛ hodi m’ahyɛdeɛ so a, hobɛtena me dɔ mu, sɛnea madi m’Agya ahyɛdeɛ so na mete ne dɔ mu he.


nhwɛ, Yesu a ɔyɛ yɛ gyidie farebae na ɔno nso ne ma no wie pɛyɛ, ɔno ne hwɛɛ anigyeɛ a ɔda n’anim he na ɔde boasetɔ huu asennua he ho amaneɛ, na obuu n’ani guu ho aniwuo so. Ne saa nti, waagye n’adwa Nyankopɔn ahennie he nifa.


efiri sɛ akodeɛ a yɛde kɔ kõ he nyɛ honam fa mu deɛ, nso Nyankopɔn tumi ya mu sɛ yetumi de tutu nnoɔma a agye nhini gu. Yɛsɛe nsusuiɛ


sɛ, “Agya, sɛ wopɛ a, yi kuruwa yi firi me so. Nso, ɔnyɛ me pɛ, na mmom ma wo pɛ ne nyɛ hɔ.”


Na ofirii hɔ kɔɔ ne mprenu so na ɔkɔbɔɔ mpaeɛ sɛ, “M’Agya, sɛ yei ntumi ntwa me ho na otwa sɛ menom a, ma wopɛ nyɛ hɔ.”


nɔkorɛ asɛnka ne Nyankopɔn tumi a tenenee akodeɛ a ɔya yɛ nsa nifa ne benkum ka ho;


Yesu buaa sɛ, “M’ahennie mfiri wiase yi mu. Sɛ nka ofiri wiase yi mu a, nka m’asomfoɔ bɛko na bɛamfa me anhyɛ Yudafoɔ he nsa. Nso m’ahennie mfiri ha.”


Agya mepɛ sɛ bɛ a wode bɛ ama me he ba baabi a meya he. Bɛmmɛka me ho na benhu m’animuonyam a wode ama me he, efiri sɛ wodɔɔ me ansa na wohyɛɛ wiase fapem ase.


efiri sɛ yeinom nyinaa ne nnoɔma a amane a ɔya wiase he di akyi dendenndene, na ho Agya nim sɛ hohia saa nnoɔma yi.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite