Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 17:9 - Apam Foforɔ

9 Meebisa ama bɛ; memmisa mma wiase na mmom mebisa ma bɛ a wode bɛ ama me he, efiri sɛ bɛyɛ wo deɛ.

Gade chapit la Kopi




Yohane 17:9
17 Referans Kwoze  

Na Kristo anhyɛne kronkronbea a bɛde nsa ayɔ a ɔyɛ kronkronbea kann he ho nhwɛsoɔ he mu, na mmom ɔhyɛnee soro ankasa sɛ afei ookoyi ne ho adi Nyankopɔn anim ama yɛ.


sɛnea woama no nnipa nyinaa so tumi, sɛ biaa a wode ama no he ɔmma bɛ daa nkwa.


“Maada wo dini adi akyerɛ bɛ a wode befiri wiase ama me he. Bɛyɛ wo deɛ ne wode bɛ ama me. Na bɛadi w’asɛm so.


“Mensrɛ mma yeinom nkoaa, na mmom mesrɛ ma bɛ a bɛnam bɛ asɛm so bɛgye me adi nso


Nso masrɛ ama wo, na wo ampa wo gyidie; na wo deɛ sɛ daakye wo sane gyina a, hyɛ wo nuanom dene.”


Yenim sɛ wiase nyinaa hyɛ bɔnefoɔ he tumi ase, nso yɛ deɛ yɛyɛ Nyankopɔn nkurofoɔ.


Na m’ankasa mebisa Agya he na wama ho Kyigyinafoɔ foforɔ, na ɔne ho abɛtena daa,


Na biaa a bɛantwerɛ ne dini nkwa nwoma he mu he, bɛtoo no twenee gya tadeɛ he mu.


Na bɛ a bɛte asaase so nyinaa bɛkoto no, meekyerɛ bɛ a bɛamfiri wiase ahyɛaseɛ antwerɛ bɛ dini Adwammaa a bekuu no he nkwa nwoma mu he.


Ne saa nti berɛ biaa obetumi agye bɛ a bɛnam ne so ba Nyankopɔn nkyɛne he, efiri sɛ ɔte ase daa sɛ obedi ama bɛ.


Bɛtoo tweaseɛ kɛseɛ he tweneeɛ. Ɔno ne wɔ dadaa he a bɛfrɛ no Bronsam ne Satan he, ɔno ne daadaa wiase nyinaa he. Na bɛtoo no twenee asaase so a na n’abɔfoɔ nyinaa ka ne ho.


Berɛ a bɛ a bɛɛhwɛ mmoa he huu nea asi he, bedwane kɔbɔɔ amaneɛ kuro he mu ne nkuraa ase.


Na Yesu kaa sɛ, “Agya fa kyɛ bɛ efiri sɛ bennim nea bɛɛyɔ.” Bio nso, bɛtwee ntonto kyɛɛ ne ntaadeɛ faeɛ.


Bibiaa a Agya he de bɛma me he bɛba me nkyɛne, na nea ɔba me nkyɛne he, mempam no da,


Nea ɔsomaa me he apɛdeɛ ne sɛ memma nea ɔde ama me he mu biaa nyera, na mmom sɛ menyane no da a odi akyi he.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite