Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 17:5 - Apam Foforɔ

5 Na afei, Agya, fa animuonyam a na mewɔ no wo nkyɛne ansa na wiase ɔɔba he hyɛ me bio woaa wo nkyɛne.

Gade chapit la Kopi




Yohane 17:5
20 Referans Kwoze  

Ansa na Nyankopɔn bɔɔ wiase he, na waayi no dada, na ho nti ne nna a odi akyire yi he, wada no adi.


Mene Agya he yɛ baako.”


“ɔno ne na ɔya Nyankopɔn tebea mu deɛ, nso wannyina so ketee sɛ ɔne Nyankopɔn yɛ pɛ,


Na afei nso, “Mfitiaseɛ he, Awurade, wotoo asaase fapem, na soro yɛ wo nsa ano adwuma;


Ɔno ankasa ne da Nyankopɔn animuonyam a ɔhyerɛn he adi na ɔyɛ Nyankopɔn su nsɛso pɛpɛɛpɛ, na ɔnam n’asɛm a tumi yam so kita nnoɔma nyinaa mu. Na odwiraa yɛ bɔne wieeɛ he, ɔkɔtenaa deɛ ɔwɔ tumi boro tumi nyinaa so, na ɔya soro soro he nifa.


Agya mepɛ sɛ bɛ a wode bɛ ama me he ba baabi a meya he. Bɛmmɛka me ho na benhu m’animuonyam a wode ama me he, efiri sɛ wodɔɔ me ansa na wohyɛɛ wiase fapem ase.


Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Meeka akyerɛ ho nɔkorem paa sɛ, Abraham nnya mmaeɛ he, ne meya hɔ.”


Biaa nni hɔ a wahu Nyankopɔn da. Nyankopɔn a ɔyɛ Ba koro he, nea ɔya Agya he kokom he, ɔno ne wada no adi.


Yesu bisaa no sɛ, “Filipo, me ne hoya hɔ dadaada yi, honhuu me anaa? Biaa a w’ahu me he ahu Agya he nso. Afei mmɛ nti ne wooka sɛ, ‘Kyerɛ yɛ Agya he’?


Na hene he bɛka akyerɛ bɛ a bɛya ne nifa so he sɛ, ‘Hommra, ho a m’Agya ahyira ho, hommɛfa ahennie a bɛasiesie ama ho firi wiase mfitiaseɛ he nni;


Nipa biaa mforo nkɔɔ soro gye sɛ nea wasiane afiri soro, Nipa Ba he.


Mɛma nkunimdifoɔ he atena m’ahennwa he so sɛnea madi nkunim nti mete m’Agya ahennwa so seesei he.


Na bɛ a bɛte asaase so nyinaa bɛkoto no, meekyerɛ bɛ a bɛamfiri wiase ahyɛaseɛ antwerɛ bɛ dini Adwammaa a bekuu no he nkwa nwoma mu he.


ampa, nkwa he daa ne ho adi kyerɛɛ yɛ, na yɛahu a yeedi ho adanseɛ, na yɛɛka daa nkwa a ɔya Agya he nkyɛne a bɛdaa no adi kyerɛɛ yɛ he ho asɛm akyerɛ ho,


Yesu kaa nsɛm yeinom wieeɛ he, ɔhwɛɛ soro kaa sɛ, “Agya, berɛ he anya aduru, hyɛ wo ba animuonyam na Ba he nso ahyɛ wo animuonyam


Ɔnam ne so ne hogyee Nyankopɔn a onyanee no firii awufoɔ mu na ɔmaa no animuonyam he diiɛ. Ɔnam so ama ho gyidie ne ho anidasoɔ atim Nyankopɔn mu.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite