Na afei nso, menni wiase bio, na mmom bɛ deɛ bɛya wiase, na meeba wo nkyɛne. Agya Kronkron, bɔ bɛ a wode bɛ ama me he ho bane wo dini mu na bɛayɛ baako sɛ yɛyɛ baako he.
Deɛ ɔsɛ ho ne sɛ, hobɛbɔ ho bra ama no afata Kristo asɛmpa he, na sɛ meba behu ho oo, sɛ mamma oo, mate sɛ hogyina pintinn honhom korɔ mu, a hode adwene korɔ, na biaa ɔɔyɔ ne fam deɛ ama asɛmpa gyidie he,
Na afei bɛ a bɛgye diiɛ he mu bebree akoma ne bɛ kra yɛɛ baako, na bɛ mu biaa nka sɛ ne nnoɔma a ɔwɔ yɛ ɔno nkoaa ne dea, na mmom bɛ nnoɔma nyinaa yɛ kwasafodeɛ.
Na sɛ m’Agya adwuma ne meeyɔ deɛ a, hedeɛ sɛ mene honnye me nni a, honye nnwuma he nni na hoahu na ho ate aseɛ sɛ Agya he ya me mu na me nso meya ne mu.”
Afei anuanom, menam yɛ Awurade Yesu Kristo dini so ootu ho fo sɛ, ho nyinaa honya adwene korɔ; na hommma mpaepaemu mma ho mu, na mmom honka mmom adwene korɔ mu ne nsusuiɛ korɔ mu.
nea yɛahu na yɛate he ne yɛɛka akyerɛ ho nso, sɛnea ɔbɛyɛ a ho ne yɛ benya ayɔnkofa. Bio nso saa ayɔnkofa yi ya yɛne Agya he ne ne Ba Yesu Kristo ntam.