Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yohane 17:1 - Apam Foforɔ

1 Yesu kaa nsɛm yeinom wieeɛ he, ɔhwɛɛ soro kaa sɛ, “Agya, berɛ he anya aduru, hyɛ wo ba animuonyam na Ba he nso ahyɛ wo animuonyam

Gade chapit la Kopi




Yohane 17:1
20 Referans Kwoze  

Yesu buaa sɛ, “Berɛ he aduru sɛ bɛhyɛ Nipa Ba he animuonyam.


Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakobo Nyankopɔn, yɛ nananom Nyankopɔn ahyɛ n’akoa Yesu animuonyam, nea ho deɛ, hoyii no maeɛ, na hopaa no Pilato anim, berɛ a Pilato sii gyinaeɛ sɛ obegyaa no he.


Nso ɔkaa yei faa Honhom a na bɛ a bɛbɛgye no adi he benya he ho, saa berɛ he na Honhom he nnya mmaeɛ, efiri sɛ na bennya nhyɛɛ Yesu animuonyam.


Ɔnam ne so ne hogyee Nyankopɔn a onyanee no firii awufoɔ mu na ɔmaa no animuonyam he diiɛ. Ɔnam so ama ho gyidie ne ho anidasoɔ atim Nyankopɔn mu.


Na Yesu teeɛ he, ɔkaa sɛ, “Saa yadeɛ yi nyɛ wuyareɛ; na mmom Nyankopɔn animuonyam ntia, sɛ ɔbɛyɛ na bɛnam so bɛhyɛ Nyankopɔn Ba he animuonyam.”


Na afei ɔbaa ne mprɛnsa so bebisaa bɛ sɛ, “Hogu so ɔɔda dwodwo ho ho? Aayɛ yie! Berɛ he aso sɛ bɛde Nipa Ba he hyɛ nnebɔnyɛfoɔ nsa.


Nti beyii boɔ he hɔ. Na Yesu hwɛɛ soro, na ɔkaa sɛ, “Agya, meda wo ase sɛ woatie me.


Ɔkaa nsɛm yi berɛ a na ɔɔma nkyerɛkyerɛ ya asɔrefie sikakorabea hɔ; na biaa ankye no, efiri sɛ na ne mmerɛ nya nnuruiɛ.


Nti bɛhwehwɛɛ kwane a bɛbɛfa so akye no nso biaa amfa ne nsa anka no, efiri sɛ na berɛ he nnuruiɛ.


Berɛ he ɔɔba, na anya aba awie sɛ ho nyinaa hobɛhwete akɔ ho nkurom, na hoagya me nkoaa. Nso ɔnka me nkoaa efiri sɛ Agya he ka me ho.


Na afei Twam afahyɛ he oobeduru he, na Yesu nim sɛ berɛ he aduru sɛ oobefiri wiase akɔ Agya he nkyɛne. Na ɔdɔɔ ɔnoaa ne deɛ a na bɛya wiase he, na ɔdɔɔ bɛ de kosii awieeɛ.


Berɛ a na me ne ho ya asɔrefie hɔ daa he, hoantene ho nsa me so. Nso yei ne ho berɛ ne sum mu tumi.”


Na togyeni he a ogyina fã nohoa he ampɛ sɛ ɔma n’ani so hwɛ soro mpo, na mmom ɔde ne nsa guu ne koko so kaa sɛ, ‘Nyankopɔn, hu me debɔneyɛni mmɔbɔ.’


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite